Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 100:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Munhu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn, yɛyɛ ne de na yɛnne yɛn ho, yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Monhunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, ɔno na yɛwɔ no na yɛnne yɛn ho, na yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Munhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de; yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Monhunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, ɔno na yɛwɔ no na yɛnne yɛn ho, na yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Monhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea; yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Munhu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn, yɛyɛ ne de na yɛnne yɛn ho, yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 100:3
44 Iomraidhean Croise  

Enti, AWURADE yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam, na asase so ahenni nyinaa nhu sɛ wo AWURADE ne Nyankopɔn, wo nkutoo ara nko!


Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn, n’atemmude wɔ asase nyinaa so.


So eye ma wo sɛ wohyɛ obi so, sɛ wopa wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefo agyina so?


Wo nsa na ɛyɛɛ me na esiesiee me, ma me nhumu, na minsua wo mmara nsɛm.


wɔn a wose: Yɛn tɛkrɛma na yɛde di mmaninsɛm, yɛn ano wɔ hɔ, hena na obedi yɛn so?


Ma Israel ani nnye ne yɛfo ho, ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurusi.


Monyɛ komm na munhu sɛ mene Nyankopɔn. Wɔmma me so, amanaman mu, wɔmma me so, asase so.


Na ogyaa ne man sɛ nguan, na ɔkaa wɔn sɛ mmoakuw, sare so,


Na yɛn a yɛyɛ wo man ne w’adidibea nguan no, yɛbɛda wo ase daa, yɛbɛka w’ayeyi akyerɛ awo ntoatoaso nyinaa.


Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛse ne ɔhenkɛse, anyame nyinaa so.


Na mɛfa mo mayɛ me man, na mayɛ mo Onyankopɔn, na moahu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn a ogyee mo fii Misraim nkoasom ase no.


Na kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: Minni ho anigye, no adu.


Ɛnna ne man kaee Mose tete nna no sɛ: Ɛhe na nea oyii wɔn ne ne nguankuw ahwɛfo no fii po mu no wɔ? Ɛhe na nea ɔde ne kronkronyɛ honhom sii wɔn mu no wɔ?


Yɛadannan sɛ wɔn a wunnii wɔn so da; sɛ wɔn a wɔmmɔɔ wo din wɔ wɔn so da.


na obi nni hɔ a ɔbɔ wo din anaasɛ ɔkanyan ne ho so wo mu; na woayi w’ani ahintaw yɛn, na yɛn amumɔyɛ nti woama yɛayera.


Na AWURADE ne nokware Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefo ne daa hene; n’abufuw nti asase wosow, na amanaman ntumi n’abufuhyew.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ara mebisa me nguan, na mahwehwɛ wɔn akyi kwan.


Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.


Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.


Na yɛyɛ n’adwinni a ɔyɛe, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnantew mu no.


Na Yesurun dɔɔ srade, na ɔtow anankoti; woadɔ srade ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na ogyaw Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na obuu ne nkwagye botan no abomfiaa.


So AWURADE na mutua no ka sɛɛ yi? Ɔman nkwaseafo a wonni ti! So ɛnyɛ ɔno ne w’agya a onyaa wo? Ɔno na ɔyɛɛ wo na ɔde wo tim hɔ.


Wo de, wɔama woahu, na woahu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn a obi nni hɔ nka ne ho.


Enti hu nnɛ, na fa sie wo koma mu, sɛ AWURADE ne Nyankopɔn, nyame so wɔ ɔsoro, ne asase so wɔ fam; obi nni hɔ bio.


Enti hu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn, Onyankopɔn nokwafo a ɔkora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so kosi awo ntoatoaso apem so,


Na anka mote sɛ nguan a wɔayera, na afei moasan aba mo kra Hwɛfo ne Wɛmfo nkyɛn.


Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no ayeyi nkyerɛ.


Enti nso wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn pɛ no mfa wɔn kra nhyɛ ne nsa, sɛ Ɔbɔadeɛ nokwafo, wɔnkɔ so ara wɔ papayɛ mu.


Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan