Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 100:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Momfa anigye nsom AWURADE, na momfa ahurusi dwom mmra n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Momfa anigyeɛ nsom AWURADE, na momfa ahurisie dwom mmra n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade; momfa anigye nnwom mmra nʼanim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Momfa anigyeɛ nsom AWURADE, na momfa ahurisie dwom mmra n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Momfa ahosɛpɛ nsom Awurade; momfa anigyeɛ nnwom mmra nʼanim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Momfa anigye nsom AWURADE, na momfa ahurusi dwom mmra n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 100:2
15 Iomraidhean Croise  

Da a ɛto so awotwe no, ogyaa ɔman no kwan ma wɔkɔe; na wohyirahyiraa ɔhene, na wɔde papa a AWURADE ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel no nyinaa ho anigye ne koma pa sii mu kokɔɔ wɔn afi mu.


Na ɔhene Hesekia ne mmapɔmma no ka kyerɛɛ Lewifo no sɛ wɔmfa Dawid ne ɔdehwɛfo Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigye yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Na Hesekia de asɔfo ne Lewifo no nkyekyem no sisii wɔn nkyekyem so, obiara sɛ ne som te, asɔfo no ne Lewifo no, sɛ wɔmmobɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre na wɔnsom na wɔnna ase nyi ayɛ AWURADE nsra apon mu.


Mekae eyinom, na mihwie me kra wɔ me mu, sɛnea me ne asafokuw nantew kɔɔ Onyankopɔn fi, na me ne nkurɔfo a wɔnam yuu hyɛ fa no de ayeyi ne aseda nnwom kɔe no.


Meto ayeyi dwom mema wo a, m’ano ne me kra a woagye no no ho bɛsan no.


Momma yɛmfa aseda mmra n’anim, na yɛmfa nnwom nni ahurusi mma no.


Na momma mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo ne mo mmammarima ne mo mmabea ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kurow apon mu, efisɛ ɔno de, onni mo mu kyɛfa anaa agyapade.


na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo nkurow mu ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi sɛ ne din ntena hɔ no.


na ma w’ani nnye wo nnapɔnna no mu, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ wo nkurow mu.


Esiane sɛ woamfa anigye ne koma pa ansom AWURADE wo Nyankopɔn, taamudi mu nti,


Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan