Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 10:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Obuw kokoam, sɛ gyata wɔ ne bon mu, obuw sɛ ne nsa bɛka mmɔboroni, ne nsa ka mmɔborɔfo no twe wɔn ba n’afiri mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Ɔtɛ kokoam sɛ gyata wɔ ne bɔn mu, ɔtɛ sɛ ne nsa bɛka mmɔborɔni ne nsa ka mmɔborɔni no twe no ba n’afidie mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔte sɛ gyata a wahintaw; ɔtɛw sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni; ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bon mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Ɔtɛ kokoam sɛ gyata wɔ ne bɔn mu, ɔtɛ sɛ ne nsa bɛka mmɔborɔni ne nsa ka mmɔborɔni no twe no ba n’afidie mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔte sɛ gyata a wahinta; ɔtɛ sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni; ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Obuw kokoam, sɛ gyata wɔ ne bon mu, obuw sɛ ne nsa bɛka mmɔboroni, ne nsa ka mmɔborɔfo no twe wɔn ba n’afiri mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 10:9
28 Iomraidhean Croise  

ɛbere a wobutubutuw wɔn atu mu, na wɔtete adɔtɔ mu retɛw no?


sɛ ogyina ohiani nifa, na ɔregye no afi wɔn a wobu ne kra atɛn nsam.


Mmɔborohunufo so hyɛ ne ahiafo apinisi nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE se ni, megye nea ogu ahome repɛ nkwagye no nkwa.


Ahantanfo de afiri ne nhama ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma ɔkwankyɛn, wɔasum me apa. Sela


Wɔte sɛ gyata a ɔredɛɛdɛɛ apɛ nea obenya no akyere te sɛ gyata ba a ɔtɛw kokoam.


Me nnompe nyinaa bɛka sɛ: AWURADE, hena na ɔte sɛ wo a wugye ɔmanehunufo nea ɔyɛ den sen no nsam, ne ɔmanehunufo ne ohiani fi ne dwowtwafo nsam.


Abɔnefo atwe nkrante, na wɔakuntun wɔn ta mu, sɛ wɔbɛma ɔmanehunufo ne ohiani ahwe ase, na wɔakum wɔn a wɔn abrabɔ ye:


Na hwɛ, wobuw me kra, akokobirifo boaboa wɔn ho ano hyɛ me, AWURADE, ɛnyɛ me mmarato anaa me bɔne nti.


Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so no bɔ ne yɛfo ahohora, na nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ no anuonyam.


Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so de dɔre n’ade, anaa ɔde ma ɔdefo no, ohia na ebehia no.


Ɔbɔnefo a odi ɔman abrɛfo so te sɛ gyata a ɔbobom ne sisi a n’ani abere.


mokyerɛ dɛn sɛ mopɛtɛw me man, na modwɛre abrɛfo anim? AWURADE, asafo AWURADE, asɛm ni.


Na ɔdaadaafo akwan yɛ bɔne, ɔbɔ ne tirim pɔw bɔne, sɛ ɔde atosɛm bɛsɛe mmɔboroni ne ohiani a ɔka nokware.


Efisɛ wohu abɔnefo me man mu; wɔtetɛw sɛ nea nnomaayifo butubutuw; wosunsum mfiri yiyi nnipa.


Ɔyɛ osisi a ɔtɛw me, ne gyata a wahintaw;


Asase no so nkurɔfo di amim, na wɔyɛ awifo, na wɔhyɛ ɔbrɛfo ne ohiani so, na wosisi ɔhɔho gye n’ade, na eyi nteɛ koraa.


So gyata bobom kwae mu a aboa bi nni n’anim anaa? So gyataforo ma ne nne so fi ne tu mu a ɔnkyere biribi?


Nnipa pa ayera afi asase so; teefo nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛw mogya, wosunsum wɔn nuanom afiri.


Saa nti ɔtamfo no de darewa atwe wɔn nyinaa, ɔde asawu twe wɔn, na ɔboa wɔn ano ne kyerɛnkyɛ mu; enti n’ani gye na ne ho sɛpɛw no,


Wode mpɛmɛ hwirew n’akofo tirim, wotu sɛ ahum ba sɛ wɔrebɛbɔ me apete, wɔn anigye ne sɛ wɔbɛmene ɔbrɛfo ahintawee mu.


Nguanhwɛfo adwotwa gyigye, na wɔn anuonyam asɛe; agyataforo mmobom gyigye, na Yordan ahohyehyɛde asɛe.


na ɔpaani a ɔnyɛ oguanhwɛfo na nguan no nyɛ ne dea no hu pataku sɛ ɔreba a, ogyaw nguan no guan; na pataku no bɛkyere wɔn bɔ wɔn hwete.


Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛw no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan