Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 10:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Nnome, nkontomposɛm ne amimdi ahyɛ n’anom ma, na ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Nnome, nkontomposɛm ne amimdie ahyɛ n’anomu ma, na ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkyerɛma ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nnome, atoro ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma; Ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Nnome, nkontomposɛm ne amimdie ahyɛ n’anomu ma, na ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkyerɛma ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nnome, atorɔ ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma; Ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkrɛma ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Nnome, nkontomposɛm ne amimdi ahyɛ n’anom ma, na ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 10:7
29 Iomraidhean Croise  

Wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu, na wɔn yafunu siesie nnaadaa.


Sɛ adebɔne yɛɛ n’anom fremfrem, na ɔde siee ne tɛkrɛma ase,


Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne koma nta na wɔde kasa.


Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano sɛ awɔ, ahurutoa bɔre wɔ wɔn se ano. Sela


Wɔn a wotwa me ho hyia de, ma wɔn anom mmusu mmua wɔn atifi.


Huam me na yi me fi ananafo mma a wɔn ano ka nsɛnhuhuw na wɔn nifa yɛ atoro nifa nsam.


Wɔn na wɔn ano ka nsɛnhuhuw, na wɔn nifa yɛ atoro nifa.


N’anom nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa, wagyae nimdeɛ sua ne papayɛ.


Na sɛ ɔba bɛhwɛ me a, ɔka atosɛm, ne koma tase nsɛnhunu fa, ofi adi kɔkeka.


Na wɔn anom nni nokwasɛm bi, ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma, wɔn menewa yɛ ɔda a abue, na wɔde wɔn tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ.


Wugyaa w’ano mu kɔ bɔne mu, na wo tɛkrɛma toatoa nnaadaasɛm.


Nkɔnkɔnsa tɛkrɛma, wopɛ amammɔesɛm ara nko.


N’anom nsɛm yɛ fekɔɔ sen bɔta, nanso ɔko wɔ ne komam. Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sen ngo, nanso ɛyɛ mfoa a wɔatwe.


Abɔnefo bɔ ko fi yafunum, wofi wɔn na yam fom kwan di atoro.


Wɔn anom nsɛm yɛ nsɛmmɔne nko, enti ma wɔnkyere wɔn, wɔn ahantan mu, ne nsew ne atoro a wodi no nti.


Hyew wɔn abufuw mu, hyew wɔn na wɔantena hɔ, na ma wonhu sɛ Onyankopɔn na odi Yakob so hene, kosi asase ano. Sela


Ampa ara, wɔatu agyina sɛ wobetu no so. Wɔpɛ atorodi, wɔde wɔn ano hyira, nanso wɔn mu de, wɔhyɛ nsew. Sela


Wɔn na wɔsew wɔn tɛkrɛma ano sɛ afoa, wokuntun ta mu rebɛtow wɔn mmɛmma, ɛne nsɛm fo,


Hwɛ, omumɔyɛfo nyinsɛn amumɔyɛ, na ɔnyem ɔhaw, na ɔwo atoro.


Wosi atwetwe na wɔde tibɔne ka amimdi asɛm, wɔka akokurokosɛm.


Ademude a wɔde atoro tɛkrɛma anya yɛ ahuhuw a ehuw kɔ; wɔn a wɔhwehwɛ no hwehwɛ owu.


Yi ade huhuw ne atosɛm fi me ho kɔ akyirikyiri; mma me ohia anaa ahonyade, ma minnya m’aduan a ehia me no minni;


Obiara nsamena asɛntrenee so, na obiara nni asɛm nokware so; wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuw; wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu.


Na wɔdannan wɔn tɛkrɛma de yɛ wɔn ta di atoro, na wodi asase so tumi a wonni mma nokware, na wofi bɔne mu kɔ bɔne mu, na me de, wonnim me, AWURADE asɛm ni.


Wɔn tenabea wɔ nnaadaa ntam; nnaadaa nti wɔmpɛ sɛ wohu me, AWURADE asɛm ni.


Muntie eyi, mo a mugye ahiafo amene wɔn, na moresɛe asase no so amanehunufo,


Nhurutoa mma! Moyɛ abɔnefo yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan