Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 10:5 - KYERƐW KRONKRON

5 N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa. W’atemmude asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri, ɔmfa n’ahohiafo nyinaa nyɛ hwee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa. W’atemmudeɛ asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri, ɔmfa n’ahohiahiafoɔ nyinaa nyɛ ahuro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nʼakwan nyinaa mu odi yiye; ɔma ne ho so, na wo mmara mfa no ho; na odi nʼatamfo nyinaa ho fɛw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa. W’atemmudeɛ asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri, ɔmfa n’ahohiahiafoɔ nyinaa nyɛ ahuro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nʼakwan nyinaa mu, ɔdi yie; ɔma ne ho so, na wo mmara mfa ne ho; na ɔdi nʼatamfoɔ nyinaa ho fɛw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa. W’atemmude asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri, ɔmfa n’ahohiafo nyinaa nyɛ hwee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 10:5
23 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn huu asase, na hwɛ, asɛe, efisɛ nnipa nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asase so.


Na ɔhene ne ne mmarima kɔɔ Yerusalem kotuaa Yebusifo a wɔte asase no so no. Na Yebusifo no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woremma ha na anifuraefo ne mpakye mpo besiw wo kwan. Na wodwen sɛ Dawid renkɔ mu hɔ.


Na hwɛ, odiyifo bi twiw bɛn Israel hene Ahab sɛ: Sɛ AWURADE se ni: So woahu asafokuw kɛse yi nyinaa? Hwɛ, mede wɔn merehyɛ wo nsa nnɛ, na woahu sɛ mene AWURADE.


Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so, nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan.


Mmɔborohunufo so hyɛ ne ahiafo apinisi nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE se ni, megye nea ogu ahome repɛ nkwagye no nkwa.


Na metwee ahupoofo ho ninkunu, efisɛ mihuu abɔnefo yiye a wodi no.


Saa, na amim mu mfasopɛfo nyinaa akwan te, ɛfa ne wuranom kra kɔ.


Nkwa kwan kɔ ɔsoro ma onimdefo, na wakwati asaman a ɛwɔ ase no.


afi wɔn a wogyaw trenee akwan kɔnantew sum akwan so no ho,


wɔn a wɔn atempɔn kyeakyea, na wɔn akwan dannan.


Mma wo ho mmpere wo abɔnefo ho, na mma wɔn ho tena nnnɔ wo kɔn,


Wonnue, wɔn a wɔhyehyɛ ahyɛde huhuw ne kyerɛwfo a wɔkyerɛw nhyɛso mmara,


O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔanhwɛ; wobehu, na wɔn ani awu, ɔman ho ninkuntwe no; yiw, w’atamfo no, ogya bɛhyew wɔn.


Na moka sɛ: Yɛne owu apam, na yɛne asaman adi kasasie; mpire a ɛhwe tra so no, sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn; efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so.


Enti na ohwiee n’abufuhyew ne nnɔnkoe a ano yɛ den no guu no so, na ɔsɔɔ ne ho gya hyiae, nanso wanhu, na ɛhyew no, nanso wamfa ansie ne komam.


na ɔsankuten ne bɛnta sanku ne mpintin ne bɔtɔwa ne nsa wɔ wɔn apontow ase, na AWURADE nneyɛe de, wɔnhwɛ, na ne nsa ano adwuma nso, wonhu.


Hena ne onyansafo a obehu eyinom mu, nhumufo a obehu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na atreneefo bɛnantew so, na mmaratofo de, wɔbɛhwehwe so ase.


Wɔama ɔsɛe a wɔasɛe no mu adɔ sɛ Gibea nna no mu, ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ, ɔbɛtwe wɔn bɔne so aso.


Pasaayɛ ne amanehunu wɔ wɔn akwan mu,


Na wofii adi kɔɔ mfuw mu kɔtetew wɔn bobe nturo mu aba na wokyikyii nsa, na wɔtoo anigye nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fi, na wodidi nomee, na wɔdomee Abimelek.


Na Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: Afei, ɛhe na w’ano a ɛkae sɛ: Hena ne Abimelek a yɛnsom no no wɔ? So ɛnyɛ ɔman a wubuu wɔn abomfiaa no ni? Afei fi adi ɛ, na wo ne wɔn nkɔko.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan