Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 10:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ɔbɔnefo dwa n’anom ka sɛ: Hwee mfa me ho. Onyankopɔn bi nni baabi. N’adwene nyinaa ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɔbɔnefoɔ dwa n’anomu ka sɛ: Hwee mfa ne ho. Onyankopɔn bi nni baabi! n’adwene nyinaa ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ahantan nti omumɔyɛfo nhwehwɛ Awurade; ne nsusuwii mu no Onyankopɔn nsi hwee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɔbɔnefoɔ dwa n’anomu ka sɛ: Hwee mfa ne ho. Onyankopɔn bi nni baabi! n’adwene nyinaa ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ahantan enti, omumuyɛfoɔ nhwehwɛ Awurade; na Onyankopɔn nni ne nsusuiɛ nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ɔbɔnefo dwa n’anom ka sɛ: Hwee mfa me ho. Onyankopɔn bi nni baabi. N’adwene nyinaa ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 10:4
30 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Wɔn na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Fi yɛn so! Na dɛn nso na Otumfo bɛyɛ wɔn?


Nea ohintaw twiri ne yɔnko no, ɔno na metwa no; ahantan ani ne koma a ɛhoran merempene no.


Na wo na wugye ahobrɛasefo, na wobrɛ ahantanfo ase.


Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim nti, me koma se wo sɛ: AWURADE, w’anim na merehwehwɛ.


Ɔbɔnefo mmarato kasa wɔ me koma mu: Onyankopɔn suro biara nni n’ani so.


Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, na wɔyɛ amumɔyɛde a wokyi, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.


Na wose: Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn behu, so nimdeɛ wɔ ɔsorosoroni no tirim anaa?


Na Farao se: Hena ne AWURADE a metie ne nne na mama Israel akɔ? Minnim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.


Ani a ɛtra ntɔn ne koma a ɛhoran, abɔnefo kanea, ɛyɛ bɔne.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ntɔn, na wɔamoma wɔn anisuatɛtɛw so!


na mammee mampa wo manka se: Hena ne AWURADE? Nanso manni hia manwia ade mamfom me Nyankopɔn din.


ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu;


Sɛ nneyɛe bɔne ho afobu mma ntɛm nti, na nnipa mma bɔne ho atirimpɔw ayɛ wɔn koma ma.


Nnipa ahantan aniwa bɛbrɛ ase, na mmarima ahomaso ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Wɔn anim su di wɔn adanse, na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfo, wonsiw so. Wonnue! Na wɔde bɔne yɛ wɔn ho.


Wɔn anan tutu mmirika kɔyɛ bɔne, na wɔyɛ ntɛm kohwie mogya a edi bem gu; wɔn adwene yɛ abusudwene, ɔsɛe ne obubu wɔ wɔn atempɔn mu.


Mebae me nsam daa adesae mekyerɛɛ ɔman asowuifo, wɔn a wɔnam ɔkwan a enye so di wɔn adwene akyi;


Mo nnɛ mma, monhwɛ AWURADE asɛm. So madan Israel sare so anaa asase a aduru sum kabii? Ɛdɛn nti na me man ka sɛ: Yɛato yɛn ho sraha, yɛremma wo nkyɛn bio?


Hohoro wo koma ho fi bɔne mu, Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkosi?


Na ɛbere no mu, mede akanea mɛpɛɛpɛe Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔada wɔn puw so no aso, wɔn a wose wɔn komam sɛ: Awurade renyɛ papa na ɔrenyɛ bɔne no.


Monhwehwɛ Awurade, asase sofo a mobrɛ mo ho ase na moyɛ n’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, Awurade abufuw da no.


Na nnipa mu, ne wɔn komam, na adwemmɔne fi ba: Aguamansɛm, awifosɛm, awudisɛm,


Enti sakra w’adwene fi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde wo komam adwene no bɛkyɛ wo.


efisɛ wonim Nyankopɔn de, nso wɔanhyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase, na mmom wɔn adwene yɛ nkwasea adwene na sum ahyɛ wɔn koma a ntease nni mu no ma.


Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata:


monkae sɛ da bi hɔ no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafo a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔho bɔhyɛ apam horow no ho, na munni anidaso biara, na munni Nyankopɔn bi wɔ wiase.


wo koma amma ne ho so, na wo werɛ amfi AWURADE wo Nyankopɔn a oyii wo Misraim asase so fii nkoafi no;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan