Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 10:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔbɔnefo hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfo ka abususɛm yi AWURADE ahii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔbɔnefoɔ hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfoɔ ka abususɛm yi AWURADE ahi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔde nea ne koma hwehwɛ hoahoa ne ho; ohyira odifudepɛfo na oyi Awurade ahi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔbɔnefoɔ hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfoɔ ka abususɛm yi AWURADE ahi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔde deɛ nʼakoma hwehwɛ hoahoa ne ho; ɔhyira ɔdifodepɛfoɔ, na ɔyi Awurade ahi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔbɔnefo hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfo ka abususɛm yi AWURADE ahii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 10:3
40 Iomraidhean Croise  

Na wo de, kan dɔm bi fa, sɛ dɔm a woahwere no, ne apɔnkɔ sɛ apɔnkɔ no, ne nteaseɛnam sɛ nteaseɛnam no, na yɛne wɔn nkɔko asasetaw so, sɛ yɛn ho renyɛ den nsen wɔn anaa? Na otiee wɔn, na ɔyɛɛ saa.


Sɛ mede sika mayɛ m’ahotoso, na maka makyerɛ amapa sɛ m’anidaso ne no,


Na wɔtɛɛ wɔn anom haharaa wɔ me so, wose: Wie, wiɛ, yɛn ani ahu!


Sɛ ohyira ne kra ne nkwa bere mu, nso woyi wo ayɛ sɛ woyɛ wo ho yiye a,


Wɔde wɔn ho to wɔn ahonyade so, na wɔde wɔn adedodow hoahoa wɔn ho.


Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm; AWURADE kyi mogyapɛfo ne asisifo.


Ɔkatakyi, ɛdɛn na wohoahoa wo ho bɔne ho? Onyankopɔn adɔe wɔ hɔ daa nyinaa.


Wɔka asɛnnennen, amumɔyɛfo nyinaa di ahantansɛm.


Ɔtamfo no kae sɛ: Metiw, mɛto wɔn, mɛkyɛ asade no mu, wɔbɛmee me kra. Mɛtwe me nkrante, me nsa bɛsɛe wɔn.


Wɔn a wogyaw mmara no yi abɔnefo ayɛ, na wɔn a wodi mmara so no ne wɔn di aperepere.


Mahu ade nyinaa m’abrabɔhunu nna mu: Ɔtreneeni bi wɔ hɔ a ɔyera ne trenee mu, na ɔbɔnefo bi wɔ hɔ a ɔkyɛ ne bɔne mu.


Hena na woasopa no na woayaw no? Na hena so na woama wo nne so na woama w’ani atra wo ntɔn yi? Wode ahyɛ Israel kronkronni no.


N’anibere a ɛyɛ amumɔyɛ nti na me bo fuwii na mehwee no, mihintawee, na me bo hurui; nanso ɔkɔɔ so san n’akyi faa ne koma kwan so.


Nanso w’aniwa ne wo koma nni hwee so sɛ wo mfaso so, ne mogya a edi bem so sɛ engu fam, ne amim ne nhyɛso so sɛ wobɛyɛ.


Na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na matwitwa mo wia adum no agu, na matotow mo afunu agu mo abosonhunu afunu no so, na mo ho ayɛ me kra nwini.


Onnue, nea onya mfaso bɔne ma ne fi, na ɔde ne berebuw besi sorɔnsorɔmmea sɛ wayi ne ho afi mmusu nsam no.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yiye pɛpɛe ho! Na ɛnyɛ onipa ade a wanya na aboro so no mu na ne nkwa wɔ.


na maka makyerɛ me kra sɛ: Ɔkra, wowɔ nneɛma pa pii a wɔde asie ama mfirihyia pii. Home, didi, nom, na wo bo ntɔ wo yam!


Sɛ nnipa a ade a ɛnteɛ nyinaa, amumɔyɛ, anibere, nnebɔne ayɛ wɔn ma. Nitan, awudi, akasakasa, nsisi, ɔbra bɔne ahyɛ wɔn ma. Wɔyɛ asututufo,


Na wonim Nyankopɔn ahyɛde yiye sɛ owu na ɛfata wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi de, nanso ɛnyɛ ɔyɛ nko na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa ade no so.


awifo, aniberefo, asabofo, ntɔkwapɛfo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.


Efisɛ munim dedaw sɛ aguamammɔfo biara anaa afideyɛfo anaa oniberefo (a ɔyɛ ɔbosonsonni) nni apɛgyade Kristo ne Nyankopɔn ahenni mu.


na sɛ ɔte nsew yi mu nsɛm no a, wanhyira ne ho ne koma mu anka sɛ: Menam me koma denyɛ mu de, nanso menya asomdwoe; na wɔansesaw nea wanom ne nea osukɔm de no ammom.


Na ne mmabanin ne ne mmabea ho ahi nti AWURADE hui no, ɔpoo wɔn,


Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: Aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom.


Na afei mo ɛ! Mo a moka se: Ɛnnɛ ne ɔkyena yɛbɛkɔ sɛɛ ne sɛɛ kurow yi mu akodi hɔ afe, na yɛatɔ atɔn na yɛanya mfaso.


Na afei mohoahoa mo ho mo ahupoo mu. Saa ahohoahoa yi nyinaa yɛ bɔne.


Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ no nni ne mu.


Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Wo dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfae a wo de, wobɔɔ ho dua na wokae nso ma metee no, hwɛ dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefae. Na ne na kaa sɛ: AWURADE mma nhyira nka me ba.


Ɛnna Saul kae sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moahu me mmɔbɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan