Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 10:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Ɔbɔnefo ahantan nti, ɛmma mmɔboroni ho hyehye no, wɔde wɔn tirimpɔw a wɔabɔ no nkyere wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ɔbɔnefoɔ ahantan nti ɛmma mmɔborɔni ho hyehye no, wɔde wɔn atirimpɔ a wɔabɔ no kye wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Omumɔyɛfo de ahantan taataa mmɔborɔfo, wɔn a ne nneyɛe mfiri yiyi wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Ɔbɔnefoɔ ahantan nti ɛmma mmɔborɔni ho hyehye no, wɔde wɔn atirimpɔ a wɔabɔ no kye wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔmumuyɛfoɔ de ahantan taataa mmɔborɔfoɔ, wɔn a mfidie a wɔasunsum yi wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ɔbɔnefo ahantan nti, ɛmma mmɔboroni ho hyehye no, wɔde wɔn tirimpɔw a wɔabɔ no nkyere wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 10:2
18 Iomraidhean Croise  

Esiane sɛ wankae sɛ ɔbɛyɛ adɔe, na ɔtaa onipa mmɔboroni ne ohiani ne nea ne koma abubu, sɛ obekum wɔn.


Di agyinam pa ma w’akoa, mma ahantanfo nnni me amim.


O, sɛ wɔateɛteɛ m’akwan, na midi w’ahyɛde so ɛ!


Ahantanfo atoatoa atoro ato me so, me de, mede me koma nyinaa miso wo nsiesiei mu.


Ahantanfo atutu amoa ama me, wɔn a wɔnte sɛnea wo mmara kyerɛ.


Ahantanfo de afiri ne nhama ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma ɔkwankyɛn, wɔasum me apa. Sela


Ma atorofo ano mmua, wɔn a wɔka ɔtreneeni ho nsɛm a ɛyɛ den, ahokyerɛ ne aniammɔnho mu no.


Mma ɔhantanni nan nntia me, na mma abɔnefo nsa nnsum me!


Wɔn anom nsɛm yɛ nsɛmmɔne nko, enti ma wɔnkyere wɔn, wɔn ahantan mu, ne nsew ne atoro a wodi no nti.


Ne mmusu resan abua n’atifi, na n’amim abua ne mpampam.


Afei na mahu sɛ AWURADE yɛ kɛse sen anyame nyinaa, efisɛ oyii ɔman no fii Misraim nsam, bere a wɔredi wɔn so ahantansɛm.


Woda so ma wo ho so na wusiw me man kwan sɛ woremma wɔnkɔ,


Ɔbɔnefo amumɔyɛ so no mu, na ne bɔne nhama kyere no.


Na wo de, wokae wo komam sɛ: Ɔsoro na mɛforo makɔ, Onyankopɔn nsoromma no atifi na mɛma m’ahengua so masi, na matena ahyiae bepɔw no so, atifi fam asase ano noho tɔnn;


Wɔn a wohu wo no hwɛ wo dinn de wɔn ani kari wo komm ka sɛ: Ɔbarima a ɔmaa asase wosowee na ɔmaa ahenni hinhimii no ni?


Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan ne mmarima ahokyerɛfo no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Atosɛm na woreka yi, AWURADE yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ ka sɛ: Monnkɔ Misraim nnkɔsoɛ hɔ ahɔho, ɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan