Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho, na odwen ho awia ne anadwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho, na ɔdwene ho awia ne anadwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani, na osusuw ho awia ne anadwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho, na ɔdwene ho awia ne anadwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani, na ɔdwene ho awia ne anadwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho, na odwen ho awia ne anadwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 1:2
24 Iomraidhean Croise  

Na Isak fii adi kɔɔ wuram anwummere kɔdwennwenee ne nsɛm ho. Na ɔmaa n'ani so hwɛɛ, na hwɛ, yoma reba.


Na Esra asiesie ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ AWURADE mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛde ne atemmude wɔ Israel.


N’anom mmara, mamfi ho, makora n’anom nsɛm sen nea ehia me.


Ɔmma m’adwene yi nyɛ no fɛ, na me nso m’ani begye AWURADE ho.


Munyi AWURADE ayɛ! Nhyira ne onipa a osuro AWURADE, na onya ne mmara ho anika pii.


Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ, na wɔnam AWURADE mmara so.


Mede wo nsɛm makora me komam, na manyɛ wo ho bɔne bi.


Ma memfa wo mmara nsɛm kwan so, na ɛno na ɛsɔ m’ani.


W’anom mmara ye ma me sen sika ne dwetɛ mpem.


Sɛ wo mmara anyɛ m’adɔde a, anka masɛe m’amane mu.


Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ me komam.


Ao! AWURADE, me nkwagye Nyankopɔn, misu mefrɛ wo awia ne anadwo,


Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ m’aduan, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛw ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, AWURADE, asafo Nyankopɔn.


Na sɛ Onyankopɔn, tɔ ne bo ase kyɛ wɔn ho nso a, ɔremmu ntɛn nnye wɔn a wapaw wɔn a wosu frɛ no awia ne anadwo no anaa?


Na ɔyɛ okunafo a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia aduɔwɔtwe anan, na ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Nyankopɔn adesae ne adekyee.


Na me mu nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho;


Na anuanom, mokae yɛn mmɔdemmɔ adwuma ne ɔbrɛ, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara, na yɛde kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo.


Eyinom ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu.


Meda Onyankopɔn a mifi me nenanom so mesom no sɛ m'agyanom no ase sɛ mekae mo daa wɔ me mpaebɔ mu awia ne anadwo,


Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na dwen ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛnea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no. Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ebesi wo yiye.


Na eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan