Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Nhyira ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu, na onnyina nnebɔneyɛfo kwan so, na ɔntena fɛwdifo tenabea,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Nhyira ne onipa a ɔnnante abɔnefoɔ agyina mu, na ɔnnyina nnebɔneyɛfoɔ kwan soɔ, na ɔntena fɛdifoɔ tenabea,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nhyira ne onipa a ontie amumɔyɛfo afotu na onni nnebɔneyɛfo nhwɛso akyi na ɔntena fɛwdifo tenabea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Nhyira ne onipa a ɔnnante abɔnefoɔ agyina mu, na ɔnnyina nnebɔneyɛfoɔ kwan soɔ, na ɔntena fɛdifoɔ tenabea,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nhyira ne onipa a ɔntie amumuyɛfoɔ afotuo na ɔnni nnebɔneyɛfoɔ nhwɛsoɔ akyi na ɔntena fɛdifoɔ tenabea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Nhyira ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu, na onnyina nnebɔneyɛfo kwan so, na ɔntena fɛwdifo tenabea,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 1:1
52 Iomraidhean Croise  

Me kra, nnkɔ wɔn agyina mu, na m'anuonyam, nkɔfra wɔn asafo mu. Efisɛ wɔn abufuw mu na wokum nnipa, na wɔn ahupoo mu na wɔsɛee anantwi.


Na Enok ne Nyankopɔn nantewee; na wanhu no efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.


Na wammu no hwee sɛ ɔbɛnantew Nebat ba Yeroboam bɔne mu, na ɔkɔfaa Sidonfo hene Etbaal babea Yesebel waree, na ɔkɔe kɔsom Baal na ɔsɔree no.


Ɔno nso nantew Ahab fi akwan so, efisɛ ne na tuu no fo sɛ onni asɛmmɔne.


So eye ma wo sɛ wohyɛ obi so, sɛ wopa wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefo agyina so?


Nanso, Hwɛ! Ɛnyɛ wɔn ara nsam na wɔn nnepa wɔ, abɔnefo agyinatu mpare me!


Sɛ midii ahuhude akyi, na me nan pɛɛ nnaadaa ho ntɛm a,


Efisɛ AWURADE nim atreneefo kwan, na abɔnefo kwan de, ɛbɛyera.


Nhyira ne wɔn a wokura atemmu mu, ne nea odi asɛntrenee daa nyinaa.


Munyi AWURADE ayɛ! Nhyira ne onipa a osuro AWURADE, na onya ne mmara ho anika pii.


Nnebɔneyɛfo, mumfi me so, na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so.


Nhyira ne ɔman a wɔte sɛɛ, nhyira ne ɔman a AWURADE ne wɔn Nyankopɔn.


Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da AWURADE, ne Nyankopɔn, so.


AWURADE kora ahɔho so, ogyina nyisaa ne akunafo akyi, na abɔnefo kwan de, ɔdan ani.


Momfa nidi mapa mma no, na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.


Me nan gyina nea ɛhɔ da fam, asafo ahyiae kɛse no mu na mehyira AWURADE.


Monka nhwɛ na munhu sɛ AWURADE ye, nhyira ne onipa a oguan toa no.


Odwen amumɔyɛde ne kɛtɛ so, ɔde ne nan asi ɔkwan a enye so; bɔne de, onkyi.


Fa me hintaw fi nnipa bɔne kokoam agyinatu ho, fi amumɔyɛfo gyegyeegye ho.


Na migyaa wɔn wɔn koma denyɛ mu, ma wɔnantew wɔn ankasa tirim agyina a wotuu mu.


Asafo AWURADE, nhyira ne onipa a ɔde ne ho to wo so.


Me ba, wo ne wɔn nnnantew ɔkwan so. Twe wo nan fi wɔn sa so.


Da bɛn ara na mo ntetekwaa, mobɛpɛ ntetekwaasɛm akosi? Na afɛwdifo bɛpɛ wɔn fɛwdi, na nkwasea akyi nimdeɛ?


Nimdeɛ pa ma onipa anim ba nyam, na nkontompofo kwan yɛ aboabo.


Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.


Wɔasiesie atemmu ama afɛwdifo ne mmaa ama nkwasea akyi.


na ayi wo afi bɔne kwan mu, ne onipa a ɔka akɔntɔnkyesɛm ho,


Yiw odi afɛwdifo ho fɛw, na ɔdom ahobrɛasefo.


Abɔnefo kwan te sɛ esum kabii, wonnim nea wohintiw.


Sɛ wuhu nyansa a, wuhu fa, na sɛ wudi fɛw a, wo nko na wobɛsoa.


Mantena aserewfo guabɔ mu manni ahurusi; wo nsa nti me nko na metenae, efisɛ wode abufuw ahyɛ me ma.


Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to AWURADE so, na AWURADE yɛ n’anidaso!


Na meka mekyerɛɛ wɔn mma, sare no so sɛ: Monnnantew mo agyanom ahyɛde no mu, na munnni wɔn atemmude no so, na mommfa wɔn abosonhuhuw nngu mo ho fi.


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, efisɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na eyi kyerɛɛ wo, na m’agya a ɔwɔ ɔsoro no.


Na ɔno de, ɔkae sɛ: Ampa ara nhyira ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so!


no de, wampene wɔn agyina ne wɔn nneyɛe no so. Ofi Yudafo kurow Arimatea mu, na ɔno ankasa nso retwɛn Nyankopɔn ahenni no.


Sɛ munim eyinom na moyɛ a, nhyira ne mo.


Yesu see no sɛ: Toma, sɛ woahu me nti na woagye adi. Nhyira ne wɔn a wonhui na wogye di.


ɔno nso na yɛnam de gyidi anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Onyankopɔn anuonyam ho anidaso mu.


Eyi nti monhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ade nyinaa wie a, moagyina hɔ.


Na atɔteboa biara a ɔwɔ tɔte a emu apae, na ne tɔte mu apae nta abien, na opuw wesaw, mmoa mu no, ɔno na munni.


Nhyira ne wo, Israel, hena na ɔte sɛ wo, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagye! Ɔyɛ wo boa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrante. W’atamfo bɛbrɛ wɔn ho ase ama wo, na wo de, wubetiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.


Yɛn asetena bere a atwam no, yɛsɛee bere yɛɛ nea amanaman mufo no pɛ, sɛ yɛnantew ahohwi, akɔnnɔ, asabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a wokyi mu.


Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntade, sɛnea wɔbenya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apon ano akɔ kurow no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan