Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na wuhuu ne koma sɛ ɛyɛ nokware w’anim, na wo ne no pamee sɛ wode Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma n’asefo. Na woama wo nsɛm no atim, efisɛ woyɛ ɔtreneeni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na wohunuu n’akoma sɛ ɛyɛ nokorɛ wɔ w’anim, na wo ne no pamm sɛ wɔde Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma n’asefoɔ. Na woama wo nsɛm no atim, ɛfiri sɛ woyɛ ɔteneneeni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Odii wo nokware no, wo ne no yɛɛ apam sɛ, wode Kanaanfo, Hetifo, Perisifo Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma ɔne nʼasefo. Na wudii wo bɔhyɛ so, efisɛ daa wudi wʼasɛm so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na wohunuu n’akoma sɛ ɛyɛ nokorɛ wɔ w’anim, na wo ne no pamm sɛ wɔde Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma n’asefoɔ. Na woama wo nsɛm no atim, ɛfiri sɛ woyɛ ɔteneneeni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔdii wo nokorɛ no, wo ne no yɛɛ apam sɛ, wode Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma ɔne nʼasefoɔ. Na wodii wo bɔhyɛ so, ɛfiri sɛ, daa wodi wʼasɛm so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na wuhuu ne koma sɛ ɛyɛ nokware w’anim, na wo ne no pamee sɛ wode Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma n’asefo. Na woama wo nsɛm no atim, efisɛ woyɛ ɔtreneeni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:8
39 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kae sɛ: W'asefo na mede asase yi mɛma wɔn. Na osii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no.


Na Abram gyee AWURADE dii, na obuu eyi sɛ trenee maa no.


Na ose: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee, na afei mahu sɛ wusuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba koro no.


Onyankopɔn de, ne kwan yɛ pɛ, AWURADE asɛm mu tew, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so nyinaa.


ne Yebusi ne Amori ne Girgasini,


sɛ ɔne Abraham pamee no, ne ne ntam a ɔkaa Isak no.


AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔtreneeni ne wo, efisɛ wɔagyaw yɛn nkae bi a wɔafi mu sɛ ɛte nnɛ yi; hwɛ, yɛwɔ w’anim, yɛn asodi mu; na eyi nti obi bi rentumi nnyina w'anim.


Nanso woteɛ wɔ nea ɛbaa yɛn so no nyinaa mu, na woadi nokware; na yɛn na yedi fɔ,


Ɔdomfo ne ɔtreneeni ne AWURADE, Yiw yɛn Nyankopɔn yɛ mmɔborohunufo.


Na mise: Meyi mo afi Misraim amanehunu no mu akɔ Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo asase so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so no.


Na masian sɛ merebeyi wɔn Misraimfo nsam, na matutu wɔn afi asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛw so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so: Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo, Yebusifo tenabea hɔ.


Onipa ba, wɔn a wɔte Israel asase so akurofo no so no ka sɛ: Abraham yɛ obiakofo na ɔfaa asase no dii, na yɛn de, yɛdɔɔso, yɛn mmom na wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛmfa nni.


Amalek te anafo fam asase so, na Hetifo ne Yebusifo ne Amorifo tete bepɔw so, na Kanaanfo tete mpoano ne Yordan ho.


Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atoro, anaa onipa ba, na wanu ne ho. So ɔno de, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma entim?


Na otuu no no, ɔmaa Dawid so de no sii wɔn so hene; ɔno nso na odii no adanse sɛ: Mahu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a me koma pɛ no, ɔno na ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.


na kɔ ɔsɔfo a ɔwɔ so saa bere no nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Mepae mu nnɛ mekyerɛ AWURADE wo Nyankopɔn sɛ madu asase a AWURADE kaa yɛn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so.


Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.


Sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn de wo du asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpam amanaman pii fi w’anim, Hetifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Kanaanfo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo, aman ason a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sen wo,


Ɛnyɛ wo trenee ne wo koma a ɛteɛ nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afi w’anim, na wama asɛm a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom, Abraham, Isak ne Yakob no atim.


daa nkwa anidaso so, nkwa a Onyankopɔn a onni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ,


Gyidi nti na wɔsɔɔ Abraham hwɛe no, ɔde Isak kɔbɔɔ afɔre, na nea ogyee bɔhyɛ no, de ne ba koro no kɔmae.


na yɛafa ade abien a ɛnsakra a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ntumi nni atoro wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛm a emu yɛ den, yɛn a yɛaguan repɛ hintabea no bɛsɔ anidaso a ɛda yɛn anim no mu.


Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel ma ɛyɛɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn nkyekyem te, wɔn mmusuakuw no mu. Na asase no home fii akodi mu.


Kanaanfo a wɔwɔ Apuei ne atɔe ne Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne mmepɔw so Yebusifo ne Hewifo a wɔwɔ Hermon bepɔw ase, Mispa asase so no nkyɛn.


Na hwɛ, me de, ɛnnɛ merekɔ asase sofo nyinaa kwan; na munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a AWURADE mo Nyankopɔn kaa wɔ mo ho no nyinaa mu: Ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.


Na ahene a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔw so nyinaa ne Sefela tataw so ne po kɛse no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentenso, Hetifo ne Amorifo, Kanaanfo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo no tee no,


Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan