Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Lewifo no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kae sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfi daa nkosi daa, na wonhyira w’anuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyi nyinaa so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Lewifoɔ no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabneia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfiri daa nkɔsi daa; na wɔnhyira w’animuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyie nyinaa soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, Lewifo ntuanofo a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teɛɛ mu frɛɛ ɔmanfo no se, “Monsɔre nkamfo Awurade, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔte hɔ afebɔɔ!” Wɔtoaa so se, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sen sɛnea yebetumi adwene anaa yɛbɛka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Lewifoɔ no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabneia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfiri daa nkɔsi daa; na wɔnhyira w’animuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyie nyinaa soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, Lewifoɔ ntuanofoɔ a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teaam frɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monsɔre nkamfo Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɔte hɔ afebɔɔ!” Wɔtoaa so sɛ, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sene sɛdeɛ yɛbɛtumi adwene anaa deɛ yɛbɛka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Lewifo no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kae sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfi daa nkosi daa, na wonhyira w’anuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyi nyinaa so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:5
36 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene dan n’ani, na ohyiraa Israel asafo no nyinaa, na Israel asafo no nyinaa gyinagyina hɔ.


Na ɔkae sɛ: Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama aba mu sɛ:


Na Solomon gyinaa AWURADE afɔremuka no anim, Israel asafo nyinaa anim, na ɔtrɛw ne nsam kɔɔ ɔsoro


Na so ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na menne ɔdan yi a masi yi!


Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa. Na ɔman no nyinaa kae sɛ Amen, yii AWURADE ayɛ.


Wo AWURADE na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nkunimdi ne aseda wɔ wo, na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahenni wɔ wo, na wo na wokorɔn wɔ ade nyinaa so.


Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn de, yɛda wo ase, na yeyi w’anuonyam din no ayɛ.


Na Dawid ka kyerɛɛ bagua no nyinaa sɛ: Munhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na bagua no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkotow sɔree AWURADE ne ɔhene.


Na Yuda nyinaa gyinagyina AWURADE anim, wɔn ne wɔn mma nketewa, wɔn yerenom ne wɔn mma.


Na Lewifo a wofi Kohatfo mma ne Korafo mma mu no sɔree sɛ wɔde ɛnne kɛse pa ara reyi AWURADE Israel Nyankopɔn ayɛ.


Na wobuabuaa wɔn ho AWURADE ayeyi ne aseda no mu sɛ “Na oye, n’adɔe wɔ hɔ daa” Israel so. Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kɛse AWURADE ayeyi no mu sɛ wɔahyɛ AWURADE fi no ase nti.


Na Yesua ne Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifo sumpii no so, na wɔde nne kɛse teɛɛm frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.


Na Esra kae sɛ: Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne nea ɛwɔ so nyinaa, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa; na wo ara na woma wɔn nyinaa tete ase, na ɔsoro asafo no sɔre wo.


na ɔkae sɛ: Adagyaw na mede mifi me na yam mebae, na adagyaw na mede mɛsan makɔ: AWURADE de mae, na AWURADE afa, AWURADE din na nhyira nka no.


Hena na obetumi aka AWURADE mmaninne, na wama wɔate n’ayeyi nyinaa?


Hwɛ, mo AWURADE nkoa nyinaa a mugyina ne fi anadwo no, munhyira AWURADE.


Mehyira wo daa nyinaa, na meyi wo din ayɛ daa daa.


Medwen w’anuonyam a ɛharan no kɛseyɛ ne w’anwonwade no ho.


Mete ase yi, meyi AWURADE ayɛ, mewɔ hɔ yi, mɛto dwom mama me Nyankopɔn.


Mise AWURADE sɛ: M’Awurade ne wo, minni papa biara nka wo ho.


monto dwom mma ne din anuonyam, monhyɛ no anuonyam nyi no ayɛ.


Wobeyi wo din kɛse a ɛho yɛ hu no ayɛ, ɔno na ɔyɛ kronkron.


Hena na ɔte sɛ wo, AWURADE, wɔ anyame mu? Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu onuonyamfo, nea ne ho yɛ hu ayeyi mu, anwonwadeyɛfo.


AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa anuonyam, AWURADE wo nsa nifa no dwerɛw atamfo no.


Daniel buae sɛ: Nhyira nka Onyankopɔn din daa daa, sɛ nyansa ne tumi, ɔno na ɛwɔ no;


Saa bere no ara mu Yesu kae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa.


Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.


Sɛ worenhwɛ nyɛ mmara yi mu nsɛm a wɔakyerɛw nhoma yi mu nyinaa, na worensuro din a ɛwɔ anuonyam na ɛho yɛ hu yi a ɛne AWURADE wo Nyankopɔn no a,


Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu,


Na AWURADE bɔfo no see no sɛ: Ɛdɛn na wubisa me din a ɛyɛ nwonwa yi?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan