Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Yesua ne Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifo sumpii no so, na wɔde nne kɛse teɛɛm frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifoɔ simpie no so, na wɔde nne kɛseɛ teaa mu frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na Lewifo no bi gyina atrapoe so reteɛ mu frɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifoɔ simpie no so, na wɔde nne kɛseɛ teaa mu frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na Lewifoɔ no bi gyina ntrapoe so reteam frɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Yesua ne Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifo sumpii no so, na wɔde nne kɛse teɛɛm frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:4
13 Iomraidhean Croise  

Na Lewifo a wofi Kohatfo mma ne Korafo mma mu no sɔree sɛ wɔde ɛnne kɛse pa ara reyi AWURADE Israel Nyankopɔn ayɛ.


Na Lewifo no: Yesua, Binui, Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a odi aseda nnwom no so, ɔne ne nuanom,


Ɔno so na Lewifo no, Bani ba Rehum, bɛtoae miamiaa mu. Ne nkyɛn mu na Hasabia, Keila abupɛn fa so safohene, miamiaa mu maa n’abupɛn.


Na ɔkyerɛwfo Esra gyinaa ɛsɛ a wɔde dua ayɛ a ɛkorɔn a asɛm no nti, wɔyɛe no so. Na Matitia ne Sema ne Anaia ne Uria ne Hilkia ne Maaseia gyinagyina ne nkyɛn, ne nifa so, na ne benkum nso Pedaia ne Misael ne Malkiya ne Hasum ne Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.


Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifo no maa ɔman no huu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinae.


Na Lewifo no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kae sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfi daa nkosi daa, na wonhyira w’anuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyi nyinaa so no.


Mifi abun kuronkuron mu mefrɛ wo, AWURADE.


Mede me nne misu mefrɛ AWURADE, na ogye me so fi ne bepɔw kronkron so. Sela


Mema me nne so makyerɛ Onyankopɔn, na masu mafrɛ no, mema me nne so makyerɛ Onyankopɔn, na ɔbɛyɛ aso ama me.


mpo sɛ meteɛm na misu mefrɛ no a, osiw me mpaebɔ kwan;


Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Lasaro, fi bra!


Na ɔkotow ne nan anim de nne kɛse teɛɛm sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa eyi no ɔkaa n'ani guu so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan