Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:38 - KYERƐW KRONKRON

38 Na eyi nyinaa nti, yɛrepam nokware apam, na yɛrekyerɛw, na yɛn mmapɔmma, yɛn Lewifo ne yɛn asɔfo asɔ ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

38 Na yei nyinaa nti, yɛrepam nokorɛ apam, na yɛretwerɛ, na yɛn mmapɔmma, yɛn Lewifoɔ ne yɛn asɔfoɔ asɔ ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

38 “Eyinom nyinaa nti, yɛnam kurukyerɛw so rehyɛ bɔ a emu yɛ den. Saa nsɔwano krataa yi mu na yɛn ahenemma ne Lewifo ne asɔfo din wɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

38 Na yei nyinaa nti, yɛrepam nokorɛ apam, na yɛretwerɛ, na yɛn mmapɔmma, yɛn Lewifoɔ ne yɛn asɔfoɔ asɔ ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

38 “Yeinom nyinaa akyi, yɛnam nkurukyire so rehyɛ bɔ a emu yɛ den. Saa nsɔano krataa yi mu na yɛn ahenemma ne Lewifoɔ ne asɔfoɔ din wɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

38 Na eyi nyinaa nti, yɛrepam nokware apam, na yɛrekyerɛw, na yɛn mmapɔmma, yɛn Lewifo ne yɛn asɔfo asɔ ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:38
10 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene gyinaa sumpii no so, na ɔpamee AWURADE anim, sɛ ɔde koma nyinaa ne ɔkra nyinaa bedi AWURADE akyi, na wadi ne mmara nsɛm ne n’adanse ne n’ahyɛde so, sɛ ɔbɛma apam yi mu nsɛm a wɔakyerɛw nhoma yi mu no atim. Na ɔman no nyinaa kogyinaa apam no so hyɛɛ bɔ.


Ɛnna Yehoiada de apam too ɔno ne ɔman no nyinaa ne ɔhene no ntam sɛ wɔnyɛ AWURADE man.


Afei ɛwɔ me koma mu, sɛ me ne AWURADE, Israel Nyankopɔn no, bɛpam, na n’abufuhyew no afi yɛn ho akɔ.


Na ɔhene no kogyinaa ne gyinabea, na ɔpamee AWURADE anim sɛ obedi AWURADE akyi, na wahwɛ ne mmara nsɛm ne n’adanse ne n’ahyɛde, ne koma nyinaa ne ne kra nyinaa mu, na wadi apam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so.


Enti momma yɛne yɛn Nyankopɔn mpam sɛ yebeyi yɛn yerenom no nyinaa ne mma a wɔawowo wɔn no, me wura ne wɔn a yɛn Nyankopɔn mmara asɛm no ma wɔn ho popo no afotu no nti; na wɔnyɛ no sɛ mmara no te.


Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia,


wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wobedi Onyankopɔn mmara a wɔnam Onyankopɔn akoa Mose so hyɛe no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’ahyɛde nyinaa;


Oyi bese sɛ: Meyɛ AWURADE dea, na oyi nso de Yakob din afrɛ ne ho; na oyi nso bɛkyerɛw ne nsa ho sɛ ɔyɛ AWURADE dea, na ɔde Israel din ato ne ho.


Na wɔkɔe kɔsɔɔ ɔbo no ano maa awɛmfo no wɛn ɔda no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan