Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:37 - KYERƐW KRONKRON

37 Na ɛma nnɔbae pii ma ahemfo a wode wɔn asisi yɛn so, yɛn bɔne mu no, na wodi yɛn nipadua so ne yɛn mmoa so sɛnea wɔpɛ, na yɛwɔ ahohiahia kɛse mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

37 Na ɛma nnɔbaeɛ pii ma ahemfo a wode wɔn asisi yɛn soɔ, yɛn bɔne mu no, na wɔdi yɛn nipadua so ne yɛn mmoa so sɛdeɛ wɔpɛ, na yɛwɔ ahohiahia kɛseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

37 Nnɔbae a ebu so boro so no nyinaa akodi ahemfo a esiane yɛn bɔne nti, woatu wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no nsam. Wɔwɔ yɛn ne yɛn anantwi so tumi. Yɛsom wɔn sɛnea wɔpɛ, na yɛwɔ ahokyere kɛse mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

37 Na ɛma nnɔbaeɛ pii ma ahemfo a wode wɔn asisi yɛn soɔ, yɛn bɔne mu no, na wɔdi yɛn nipadua so ne yɛn mmoa so sɛdeɛ wɔpɛ, na yɛwɔ ahohiahia kɛseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

37 Afudeɛ a ɛbu so boro so no nyinaa akɔdi ahemfo a ɛsiane yɛn bɔne enti, woatu wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no nsam. Wɔwɔ yɛn ne yɛn anantwie so tumi. Yɛsom wɔn sɛdeɛ wɔpɛ, na yɛwɔ ahokyere kɛseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

37 Na ɛma nnɔbae pii ma ahemfo a wode wɔn asisi yɛn so, yɛn bɔne mu no, na wodi yɛn nipadua so ne yɛn mmoa so sɛnea wɔpɛ, na yɛwɔ ahohiahia kɛse mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:37
11 Iomraidhean Croise  

Enti ma ɔhene nhu sɛ, sɛ wɔkyekye kurow yi na wɔmoma n’afasu so sisi hɔ a, ɛnne wɔremma ɔtow ne amanne ne akwanne bio, na ɛbɛyɛ no na ahene aboade no bɛbrɛ ase.


Na me na merehyɛ makyerɛ nea monyɛ mma Yudafo mpanyimfo no na wonsi Onyankopɔn fi no, ɛne sɛ ɔhene nneɛma a ɛne asuogya tow no, wɔmfa mu bi ntua ahwerede no ka pɛpɛɛpɛ mma mmarima no, na annye wɔn asabawmu.


Na yɛrema moahu sɛ asɔfo ne Lewifo ne nnwontofo ne aponanohwɛfo ne nsɔfokwaa ne asomfo a wɔwɔ Onyankopɔn fi no nyinaa, obiara nni ho kwan sɛ ogye wɔn tow, amanne ne akwanne.


na misee wɔn sɛ: Yɛn de, yɛagye yɛn nuanom Yudafo a wɔtontɔn wɔn maa amanaman no, sɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, motontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na wonhu asɛm a wɔde bebua.


Wokura yɛn kɔn akyi ka yɛn kɔ; yɛbrɛ, wɔmma yennya ahomeye.


Na mɛma m'ani asa mo, na moadi mo atamfo anim nkogu na wɔn a wokyi mo ahyɛ mo so, na obi ntaa mo po a, mobeguan.


Wobuaa no sɛ: Abraham asefo ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehye?


W’asase so aba ne w’adwumade nyinaa, ɔman a wunnim wɔn na wobedi, na ɔhyɛ nko na wɔbɛhyɛ wo na wɔapɛtɛw wo nna nyinaa;


Wobɛtɛw bobe nturo na woadɔw mu, na nsa de, worennom, na woremmoa aba no ano, efisɛ mmoa bedi.


wobɛsom w’atamfo a AWURADE bɛsoma aba wo so no, ɔkɔm ne osukɔm ne adagyaw ne nneɛma nyinaa mu hia mu; na ɔde dade kɔndua bɛto wo kɔn so akosi sɛ ɔbɛsɛe wo.


Na wobedi wo mmoa mma ne w’asase so aba akosi sɛ wɔbɛsɛe wo, na wɔrennyaw wo aburow, nsa anaa ngo, w’anantwi mma anaa wo nguan mma, akosi sɛ wɔbɛsɛe wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan