Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:35 - KYERƐW KRONKRON

35 Nanso wɔn ahenni mu ne wo papa bebree a woyɛɛ wɔn ne asase tɛtrɛɛ a adɔ srade a wode maa wɔn no mu no, wɔansom wo, na wɔansan amfi wɔn nneyɛe bɔne no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

35 Nanso wɔn ahennie mu ne wo papa bebree a woyɛɛ wɔn ne asase tɛtrɛɛ a adɔ sradeɛ a wode maa wɔn no, wɔansom wo, na wɔansane amfiri wɔn nneyɛɛ bɔne no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

35 Mpo, bere a wɔn ankasa nyaa wɔn ahemman no, wɔansom wo wɔ bere a woahwie wʼayamye adom agu wɔn so no. Womaa wɔn nsase pa akɛse, nanso wɔannu wɔn ho amfi wɔn amumɔyɛsɛm ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

35 Nanso wɔn ahennie mu ne wo papa bebree a woyɛɛ wɔn ne asase tɛtrɛɛ a adɔ sradeɛ a wode maa wɔn no, wɔansom wo, na wɔansane amfiri wɔn nneyɛɛ bɔne no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

35 Mpo, ɛberɛ a wɔn ankasa nyaa wɔn ahemman no, wɔansom wo wɔ ɛberɛ a woahwie wʼayamyɛ adom agu wɔn so no. Womaa wɔn nsase pa akɛseɛ nanso, wɔannu wɔn ho amfiri wɔn amumuyɛsɛm ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

35 Nanso wɔn ahenni mu ne wo papa bebree a woyɛɛ wɔn ne asase tɛtrɛɛ a adɔ srade a wode maa wɔn no mu no, wɔansom wo, na wɔansan amfi wɔn nneyɛe bɔne no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:35
11 Iomraidhean Croise  

Na wogyigyee nkurow a ɛyɛ den ne asase a adɔ srade, na wonyaa afi a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔree, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wodi bebree. Na wodii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛse, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛse no mu.


na yɛn ahene, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfo ne yɛn agyanom no anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne w’adanse a wudii wɔn no.


Mɛbɔ AWURADE adɔeyɛ din, AWURADE ayeyide no, sɛ ɛfata nea AWURADE ne yɛn adi no nyinaa, na maka Israel fi yiye pii a ɔde ayɛ wɔn no, sɛ n’ayamhyehye ne n’adɔeyɛde dodow no te no.


Na sɛ moka sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn ayɛ yɛn saa ade yi nyinaa a? Wobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛnea moagyaw me, na moakɔsom amannɔne anyame mo asase so no, saa ara nso na mobɛsom ahɔho, asase bi a ɛnyɛ mo de so.


Na ɔtew m’atemmude ahi di abɔnefosɛm sen amanaman no, ne m’ahyɛde nso, sen nsaase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapa m’atemmude, na wɔannantew m’ahyɛde mu.


Esiane sɛ woamfa anigye ne koma pa ansom AWURADE wo Nyankopɔn, taamudi mu nti,


wobɛsom w’atamfo a AWURADE bɛsoma aba wo so no, ɔkɔm ne osukɔm ne adagyaw ne nneɛma nyinaa mu hia mu; na ɔde dade kɔndua bɛto wo kɔn so akosi sɛ ɔbɛsɛe wo.


Na sɛ bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ ɔdansefo adi adanse wɔ wɔn anim, efisɛ ɛrempa wɔn asefo anom. Na minim wɔn adwene a wɔredwen nnɛ po, ansa na mede wɔn madu asase a mekaa ho ntam no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan