Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:34 - KYERƐW KRONKRON

34 na yɛn ahene, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfo ne yɛn agyanom no anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne w’adanse a wudii wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 Yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfoɔ ne yɛn agyanom anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne wo adanseɛ a wodii wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Yɛn ahemfo, ahenemma, asɔfo, ne yɛn agyanom no anni wo mmara so anaa wʼahyɛde ne wo kɔkɔbɔ dennen no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

34 Yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfoɔ ne yɛn agyanom anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne wo adanseɛ a wodii wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Yɛn ahemfo, ahenemma, asɔfoɔ, ne yɛn agyanom no anni wo mmara so anaa wʼahyɛdeɛ ne wo kɔkɔbɔ denden no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 na yɛn ahene, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfo ne yɛn agyanom no anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne w’adanse a wudii wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:34
13 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE nam n’adiyifo nyinaa ne adehufo nyinaa so dii Israel ne Yuda adanse sɛ: Monsan mfi mo akwammɔne no so, na munni me mmara nsɛm ne m’ahyɛde so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifo no so mema wɔde brɛɛ mo no nyinaa.


Na wɔpoo n’ahyɛde ne n’apam a ɔne wɔn agyanom pamee ne n’adanse a odii wɔn no, na wokodii ahuhude akyi dii ahuhusɛm, na wokodii amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn no akyi.


Na yɛn agyanom fomee, na wɔyɛɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ani so bɔne, na wogyaw no, na woyii wɔn ani fii AWURADE tenabea ho, na wɔde wɔn akyi kyerɛɛ no.


Na afei, dɛn na yɛnka, yɛn Nyankopɔn, eyi akyi? Sɛ yɛagyaw wo mmara nsɛm no


Nanso wukuraa wɔn mfe pii, na wode wo honhom nam w’adiyifo so dii wɔn adanse: na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsaase so aman nsa.


Nanso woteɛ wɔ nea ɛbaa yɛn so no nyinaa mu, na woadi nokware; na yɛn na yedi fɔ,


Nanso wɔn ahenni mu ne wo papa bebree a woyɛɛ wɔn ne asase tɛtrɛɛ a adɔ srade a wode maa wɔn no mu no, wɔansom wo, na wɔansan amfi wɔn nneyɛe bɔne no mu.


efisɛ wɔantie me nsɛm, AWURADE asɛm ni, sɛ mesomaa me nkoa adiyifo baa wɔn nkyɛn, mituaa ahema mesomaa wɔn, nso moantie, AWURADE asɛm ni.


na mmom yɛbɛyɛ biribiara a efi yɛn anom, sɛ yɛbɛhyew aduhuam ama ɔsoro hemmaa no, na yɛahwie ahwiesa ama no sɛnea yɛn ne yɛn agyanom, yɛn ahene ne yɛn asafohene yɛe, Yuda nkurow ne Yerusalem mmorɔn so a aduan meemee yɛn na yedii yiye na yɛanhu bɔne bi no.


Na mesomaa me nkoa adiyifo no nyinaa baa mo nkyɛn, mitua ahema mesoma sɛ: Monnyɛ akyide a ɛyɛ me tan yi bi.


Na ɔtew m’atemmude ahi di abɔnefosɛm sen amanaman no, ne m’ahyɛde nso, sen nsaase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapa m’atemmude, na wɔannantew m’ahyɛde mu.


Na yɛantie wo nkoa adiyifo a wɔde wo din kasa kyerɛɛ yɛn ahene, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom ne asase no so man nyinaa no.


Na sɛ bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ ɔdansefo adi adanse wɔ wɔn anim, efisɛ ɛrempa wɔn asefo anom. Na minim wɔn adwene a wɔredwen nnɛ po, ansa na mede wɔn madu asase a mekaa ho ntam no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan