Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:33 - KYERƐW KRONKRON

33 Nanso woteɛ wɔ nea ɛbaa yɛn so no nyinaa mu, na woadi nokware; na yɛn na yedi fɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

33 Nanso wotene wɔ deɛ ɛbaa yɛn soɔ no nyinaa mu, na woadi nokorɛ; na yɛn na yɛdi fɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Bere biara a wobɛtwe yɛn aso no, na ɛfata. Yɛayɛ bɔne kɛse a wotwe yɛn aso sɛnea ɛsɛ wɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

33 Nanso wotene wɔ deɛ ɛbaa yɛn soɔ no nyinaa mu, na woadi nokorɛ; na yɛn na yɛdi fɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Ɛberɛ biara a wobɛtwe yɛn aso no, na ɛfata. Yɛayɛ bɔne kɛseɛ a wotwe yɛn aso sɛdeɛ ɛsɛ wɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

33 Nanso woteɛ wɔ nea ɛbaa yɛn so no nyinaa mu, na woadi nokware; na yɛn na yedi fɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:33
16 Iomraidhean Croise  

Eyi mpare wo sɛ wubedi saa asɛm yi, sɛ wubekum ɔtreneeni ne ɔbɔnefo afra, na ɔtreneeni ayɛ sɛ ɔbɔnefo; eyi mpare wo. Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee anaa?


AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔtreneeni ne wo, efisɛ wɔagyaw yɛn nkae bi a wɔafi mu sɛ ɛte nnɛ yi; hwɛ, yɛwɔ w’anim, yɛn asodi mu; na eyi nti obi bi rentumi nnyina w'anim.


na yɛn ahene, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfo ne yɛn agyanom no anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne w’adanse a wudii wɔn no.


Na wuhuu ne koma sɛ ɛyɛ nokware w’anim, na wo ne no pamee sɛ wode Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma n’asefo. Na woama wo nsɛm no atim, efisɛ woyɛ ɔtreneeni.


na ɔto dwom kyerɛ nnipa sɛ: Mayɛ bɔne, na makyea nea ɛteɛ no, nanso ɔne me anni no sɛnea ɛfata me.


Na enhia sɛ ɔhwɛ onipa ma ɛkyɛ ansa na wakɔ Onyankopɔn nkyɛn, atemmu mu.


Yɛne yɛn agyanom ayɛ bɔne, yɛafom, yɛayɛ bɔne kɛse.


Ɔtreneeni ne wo, AWURADE, na w’atemmude nso teɛ.


AWURADE teɛ, n’akwan nyinaa mu, na ɔyɛ adɔe ne nnwuma nyinaa mu.


Na Mose san kɔɔ AWURADE nkyɛn kɔkae sɛ: Ao, bɔne kɛse na ɔman yi ayɛ, na wɔayɛ sika anyame afa.


AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a, wobedi bem ara; nanso me ne wo bɛkasa ara: Ɛdɛn nti na abɔnefo kwan si yiye na nkɔnkɔnsafo nyinaa nso ho dwo wɔn?


Efi wɔn bɔne a wɔyɛe de huruu me bo; sɛ wɔkɔ kɔhyew aduhuam de som anyame foforo a wɔne mo ne mo agyanom nnim wɔn no nti.


Ɔtreneeni ne ɔno AWURADE, na me na matew n’anom asɛm ho atua. Amansan nyinaa, muntie, monhwɛ me yaw! Me mmabaa ne me mmerante kɔ nnommumfa mu.


na moahu sɛ mene AWURADE a moanni m’ahyɛde so na moanyɛ m’atemmude, na amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no atemmude so na mudii.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan