Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:32 - KYERƐW KRONKRON

32 Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse, otumfo a wo ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe; mma ɔbrɛ a ɛtoo yɛn ne yɛn ahene ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfo ne yɛn adiyifo ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, efi Asaria ahene bere so de besi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

32 Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ, otumfoɔ a wo ho yɛ hu, a wokora apam ne adɔeɛ, mma ɔbrɛ a ato yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfoɔ ne yɛn adiyifoɔ ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, ɛfiri Asiria ahemfo berɛ so, de bɛsi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 “Afei, yɛn Nyankopɔn, ɔkɛse, otumfo ne ɔnwonwani Nyankopɔn a ne dɔ apam a ɔyɛe no ommu so, mma yɛn amanehunu a yɛkɔɔ mu no nyinaa nnyɛ ɔkwa wɔ wʼanim. Ɔhaw kɛse aba yɛn ne yɛn ahemfo, yɛn ahenemma ne asɔfo ne adiyifo ne yɛn agyanom so fi bere a Asiria ahemfo didii yɛn so nkonim, de besi saa bere yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

32 Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ, otumfoɔ a wo ho yɛ hu, a wokora apam ne adɔeɛ, mma ɔbrɛ a ato yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfoɔ ne yɛn adiyifoɔ ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, ɛfiri Asiria ahemfo berɛ so, de bɛsi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 “Afei, yɛn Onyankopɔn, ɔkɛseɛ, otumfoɔ ne ɔnwanwani Onyankopɔn a ne dɔ apam a ɔyɛeɛ no ɔmmu so, mma yɛn amanehunu a yɛkɔɔ mu no nyinaa nnyɛ ɔkwa wɔ wʼanim. Ɔhaw kɛseɛ aba yɛn ne yɛn ahemfo, yɛn ahenemma ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne yɛn agyanom so, firi ɛberɛ a Asiria ahemfo didii yɛn so nkonim, de bɛsi saa ɛberɛ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

32 Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse, otumfo a wo ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe; mma ɔbrɛ a ɛtoo yɛn ne yɛn ahene ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfo ne yɛn adiyifo ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, efi Asaria ahene bere so de besi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:32
42 Iomraidhean Croise  

kae sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni ɔsoro a ɛwɔ atifi ne asase so ɛfam sɛ wo a wokora apam ne adɔe ma wo nkoa a wɔde wɔn koma nyinaa nantew w’anim no.


Asaria hene Pul baa asase no so, na Menahem maa Pul dwetɛ talente apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsam den ahenni no mu.


Israel hene Peka bere so na Asaria hene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon ne Abel-bet-maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na otuu wɔn kɔɔ Asiria.


de kosii sɛ AWURADE yii Israel fii n’anim, sɛnea ɔnam ne nkoa adiyifo no nyinaa so kae no. Ɛno na wotuu Israel fii n’asase so kɔɔ Asaria de besi nnɛ.


Ɔno so na Asaria hene Salmaneser bae, na Hosea yɛɛ no akoa, na ɔmaa no ayɛyɛde.


Hosea afe a ɛto so akron mu na Asaria hene faa Samaria, na otuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn koduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkurow mu.


Ne bere so na Misraim hene Farao Neko tu bae ne Asaria hene kɔkoe asubɔnten Eufrate ho. Na ɔhene Yosia siim kohyiaa no; na Farao Neko bɛtoo no no, okum no Megiddo.


Na wokunkum Sedekia mmammarima n’anim, na ɔbobɔɔ Sedekia aniwa, na woguu no kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn abien na wɔde no kɔɔ Babel.


ne aman a aka no mu a Asnapar kɛse a ɔwɔ din no kɔfaa wɔn bae na ɔde wɔn beduaa Samaria nkurow mu ne nkae a wɔwɔ asuogya ha fam no, ne ade.


wotwiw baa Serubabel ne Yesua ne agyanom atitiriw no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se: Yɛne mo besi, na yɛhwehwɛ mo Nyankopɔn no sɛ mo, na ɔno na yɛbɔ no afɔre de fi Asiria hene Esar-hadon a ɔde yɛn baa ha no bere so.


Na nea yɛn nneyɛe bɔne ne yɛn asodi kɛse nti ɛbaa yɛn so no nyinaa akyi yi nso, wo, yɛn Nyankopɔn, woakyɛe yɛn so, woamma annu yɛn amumɔyɛ so, na woama yɛafi mu sɛ ɛte yi,


na mise: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ wo ne wɔn a wodi wo mmara nsɛm so no!


Na AWURADE a ɔwɔ sorosoro no ho yɛ hu, ɔyɛ ɔhenkɛse, asase nyinaa so.


Munse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛse nti w’atamfo bɛkotow wo.


Mommra mmɛhwɛ Onyankopɔn nneyɛe, n’ade a ɔyɛ de di nnipa mma so yɛ hu.


Na Mose kaa nneɛma a Israel nti AWURADE ayɛ Farao ne Misraim nyinaa, ne amane a ɛtoo wɔn ɔkwan no so nyinaa, ne sɛnea AWURADE yii wɔn no kyerɛɛ n'ase.


Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufo nwonwani, Onyankopɔn tumfo, Daa agya, Asomdwoe hene;


Na mebɔɔ AWURADE me Nyankopɔn mpae na mepaee mu mekae sɛ: O AWURADE, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a ɔkora apam ne adɔe so ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara so,


Na yɛantie wo nkoa adiyifo a wɔde wo din kasa kyerɛɛ yɛn ahene, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom ne asase no so man nyinaa no.


AWURADE, yɛn na animguase wɔ yɛn, yɛn ahene, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom, sɛ yɛayɛ wo bɔne nti;


Na sɛ eyinom mu moantie me ara a, ɛnne mo bɔne nti mɛtwe mo aso mpɛn ason maka ho,


Na sɛ mo ne me di asi ara na mompɛ sɛ mutie me a, mɛkɔ so mabɔ mo mpɛn ason sɛ mo bɔne te no.


ɛnne me nso me ne mo bedi asi, na me nso mo bɔne nti mabɔ mo mpɛn asɔn.


ɛnne mede abufuhyew ne mo bedi asi, na me nso mo bɔne no nti matwe mo aso mpɛn asɔn.


Na sɛ mutie atemmude yi na mudi so yɛ a, AWURADE wo Nyankopɔn nso bedi apam ne adɔe a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so ama wo,


na wadɔ wo ahyira wo ama woadɔ, na wahyira wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’aburow ne wo nsa ne wo ngo ne w’anantwi mma ne wo nguan mma, asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom sɛ ɔde bɛma wo no so.


Mma wɔn anim nnyɛ wo hu, na AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu ne no.


Enti hu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn, Onyankopɔn nokwafo a ɔkora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so kosi awo ntoatoaso apem so,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan