Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:31 - KYERƐW KRONKRON

31 Nanso wo mmɔborohunu bebree nti, woanwie wɔn ase tɔre, na woannyaw wɔn, efisɛ Onyankopɔn domfo ne mmɔborohunufo ne wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

31 Nanso wo mmɔborɔhunu bebree nti, woanwie wɔn ase hye, na woannyae wɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn domfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

31 Nanso wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti, woantɔre wɔn ase anaa woannyaa wɔn afebɔɔ. Woyɛ ɔdomfo ne ahummɔbɔ Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

31 Nanso wo mmɔborɔhunu bebree nti, woanwie wɔn ase hye, na woannyae wɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn domfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

31 Nanso, wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso enti, woantɔre wɔn ase anaa woannyaa wɔn afebɔɔ. Woyɛ ɔdomfoɔ ne ahummɔborɔ Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

31 Nanso wo mmɔborohunu bebree nti, woanwie wɔn ase tɔre, na woannyaw wɔn, efisɛ Onyankopɔn domfo ne mmɔborohunufo ne wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:31
15 Iomraidhean Croise  

Nanso AWURADE dom wɔn, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔdan ne ho kyerɛɛ wɔn, n’apam a ɔne Abraham, Isak ne Yakob pamee no nti, na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn, na wantow wɔn ankyene amfi n’anim de besi nnɛ.


Na sɛ mosan ba AWURADE nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma benya mmɔborohunu, wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no anim, na wɔasan aba asase yi so bio, na ɔdomfo ne mmɔborohunufo ne AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfi mo so.


Na wɔampɛ sɛ wotie, na wɔankae w’anwonwade a woyɛe wɔn mu no, na wosinsen wɔn kɔn, na wosii wɔn so panyin sɛ wɔresan akɔ Misraim wɔn anyadi no mu, wɔn atuatew no mu. Na wone fakyɛ Nyankopɔn, ɔdomfo ne mmɔborohunufo, woyɛ abufuw mu nyaa, na w’adɔe dɔɔso, na woannyaw wɔn.


wo de, wo mmɔborohunu bebree nti, woannyaw wɔn sare no so: Omununkum dum no amfi wɔn so awia, sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan, ne ogya dum no nso anadwo, sɛ ɛbɛdɛw ama wɔn akyerɛ wɔn kwan a wɔmfa so.


Me din nti na metwentwɛn m’abufuw ase, na m’ayeyi nti midwoo m’ani memaa wo, na mansɛe wo.


Na sɛ AWURADE se ni: Asase no nyinaa bɛdan amamfo nso owie de, merenwie no sɛe.


Momforo n’afasu na monsɛe no, nanso monnsɛe no nnwie. Mompempan n’abaa, na wɔnyɛ AWURADE dea.


Nanso saa nna no mu nso, AWURADE asɛm ni, merensɛe mo minwie.


Ɛyɛ AWURADE adɔeyɛ nti na yenwiee ɔsa ɛ, na ne mmɔborohunu to ntwae ɛ:


AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborohunu ne fafiri wɔ no, na yɛatew n’anim atua,


na AWURADE wo Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn mmɔborohunufo, ɔrempa wo na ɔrensɛe wo, na ne werɛ remfi w’agyanom apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wɔn no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan