Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:29 - KYERƐW KRONKRON

29 Na wudii wɔn adanse sɛ wobɛsan wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wodii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na w’atemmude nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, onya mu nkwa. Na wohimaa wɔn mmati fii ho, na wosinsen wɔn kɔn, na wɔantie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

29 Na wodii wɔn adanseɛ sɛ wobɛsane wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wɔdii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na wo atemmudeɛ nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, ɔnya nkwa. Na wɔhimaa wɔn mmati firii ho, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 “Wobɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnsan mmedi wo mmara no so, nanso wɔyɛɛ ahomaso ne asobrakye a wɔanni wʼahyɛde no so. Wɔanni wo mmara a sɛ nnipa di so a wɔnam so benya nkwa no so. Wɔnam ahomaso so, dan wɔn akyi kyerɛɛ wo a wɔampɛ sɛ wobetie wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

29 Na wodii wɔn adanseɛ sɛ wobɛsane wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wɔdii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na wo atemmudeɛ nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, ɔnya nkwa. Na wɔhimaa wɔn mmati firii ho, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 “Wobɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnsane mmɛdi wo mmara no so nanso, wɔyɛɛ ahomasoɔ ne asoɔden a wɔanni wʼahyɛdeɛ no so. Wɔanni wo mmara a sɛ nnipa di so a, wɔnam so bɛnya nkwa. Nanso, wɔnam ahomasoɔ so danee wɔn akyi kyerɛɛ wo a wɔampɛ sɛ wɔbɛtie wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

29 Na wudii wɔn adanse sɛ wobɛsan wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wodii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na w’atemmude nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, onya mu nkwa. Na wohimaa wɔn mmati fii ho, na wosinsen wɔn kɔn, na wɔantie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:29
34 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE nam n’adiyifo nyinaa ne adehufo nyinaa so dii Israel ne Yuda adanse sɛ: Monsan mfi mo akwammɔne no so, na munni me mmara nsɛm ne m’ahyɛde so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifo no so mema wɔde brɛɛ mo no nyinaa.


Nanso wɔantie, na wosinsen wɔn kɔn sɛ wɔn agyanom a wɔannye AWURADE wɔn Nyankopɔn anni no.


Na ɔsomaa adiyifo baa wɔn mu sɛ wɔmmɛsan wɔn mmra AWURADE nkyɛn, na wodii wɔn adanse, nanso wɔantie.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Manase ne ne man no, nanso wɔantie.


Na AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfo baa wɔn nkyɛn, otua ahema somaa wɔn, efisɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne tenabea no.


Nna no mu na mihuu Yudafo bi a wotiatia nsa-kyi-amoa so homeda, na wɔde awi afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfurum; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnosoa horow nyinaa ba Yerusalem homeda, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuan no.


Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofo nyinaa so, na wuhui sɛ wɔadi wɔn so ahantansɛm; na wugyee din sɛ ɛte nnɛ yi.


Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wosinsen wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.


Ɛnna wɔyɛɛ asowui na wɔtew w’anim atua, na wɔtow wo mmara kyenee wɔn akyi, na wokunkum w’adiyifo a wodii wɔn adanse sɛ wɔde resan wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusude akɛse.


Nanso wukuraa wɔn mfe pii, na wode wo honhom nam w’adiyifo so dii wɔn adanse: na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsaase so aman nsa.


Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn no, se ni: Wobɛkame wo ho asebrɛ wɔ m'anim akosi da bɛn? Ma me man nkɔ nkɔsom me.


Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wosen wɔn kɔn kyenkyerenn, nea ɛbɛyɛ na wɔantie na wɔampene nteɛso.


Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede bɔne a maka magu kurow yi so no nyinaa bɛba ɛno ne ɛho nkurow nyinaa so, efisɛ wɔasen wɔn kɔn, nea ɛbɛyɛ na wɔantie me nsɛm.


AWURADE aka akyerɛ mo, Yuda nkae, sɛ monnkɔ Misraim! Na munhu pefee sɛ madi mo adanse nnɛ.


Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan ne mmarima ahokyerɛfo no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Atosɛm na woreka yi, AWURADE yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ ka sɛ: Monnkɔ Misraim nnkɔsoɛ hɔ ahɔho, ɛ!


Wɔmmrɛɛ wɔn ho ase de besi nnɛ da yi, nanso wonsuro, na wɔnnantew me mmara ne m’ahyɛde a mede misisii mo ne mo agyanom anim no so.


nanso wɔantie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wosen wɔn kɔn yɛɛ bɔne sen wɔn agyanom.


na mede m’ahyɛde memaa wɔn, na mema wohuu m’atemmude a sɛ onipa yɛ a, onya mu nkwa no;


Na ne koma maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ahantan mu no, wotuu no fii n’ahengua no so, na woyii n’anuonyam fii ne ho;


Enti menam adiyifo no so mabubu wɔn, na mede m’anom nsɛm makum wɔn, na m’atemmu ayi adi sɛ hann.


Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na monkora m'ahyɛde ne m'atemmude a onipa a ɔyɛ no benya mu nkwa no. Mene AWURADE.


Na osee no sɛ: Adɛn na wubisa me papa ho asɛm? Obiako na oye. Na sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, di mmara nsɛm no so!


Na osee no sɛ: Woabua no yiye; yɛ eyi, na wubenya nkwa.


Na Mose kyerɛw trenee a efi mmara mu no ho asɛm sɛ: Onipa ko a odi eyi so no benya mu nkwa.


Ɛwom sɛ mmara mfi gyidi mu de, nanso nea odi so no benya mu nkwa.


Na sɛ bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ ɔdansefo adi adanse wɔ wɔn anim, efisɛ ɛrempa wɔn asefo anom. Na minim wɔn adwene a wɔredwen nnɛ po, ansa na mede wɔn madu asase a mekaa ho ntam no so.


Na me de, minim w’atuatew ne wo kɔn a asen; hwɛ, meda so ne mo te ase nnɛ yi po moyɛ AWURADE anim atuatewfo, na me wu akyi ɛ!


ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ emmedi mo adanse sɛ ɔyera na mobɛyera ntɛm so afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so; morentena so nkyɛ, na mmom ɔsɛe na mobɛsɛe pasaa.


na misee mo sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, munnsuro Amorifo a mote wɔn asase so no anyame, nanso moantie me nne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan