Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:26 - KYERƐW KRONKRON

26 Ɛnna wɔyɛɛ asowui na wɔtew w’anim atua, na wɔtow wo mmara kyenee wɔn akyi, na wokunkum w’adiyifo a wodii wɔn adanse sɛ wɔde resan wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusude akɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Ɛnna wɔyɛɛ asobrakyeɛ na wɔtee w’anim atua, na wɔtoo wo mmara twenee wɔn akyire, na wɔkunkumm w’adiyifoɔ a wɔdii wɔn adanseɛ sɛ wɔde resane wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusudeɛ akɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 “Nanso eyinom nyinaa akyi no, wɔyɛɛ asoɔden, tew wʼanim atua. Wɔtow wo mmara no guu nkyɛn. Wokunkum adiyifo a wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no, na wɔkaa abususɛm a ɛyɛ hu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

26 Ɛnna wɔyɛɛ asobrakyeɛ na wɔtee w’anim atua, na wɔtoo wo mmara twenee wɔn akyire, na wɔkunkumm w’adiyifoɔ a wɔdii wɔn adanseɛ sɛ wɔde resane wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusudeɛ akɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 “Nanso, yeinom nyinaa akyi no, wɔyɛɛ asoɔden, yɛɛ dɔm tiaa wo. Wɔtoo wo mmara no guu nkyɛn. Wɔkunkumm adiyifoɔ no a wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsane mmra wo nkyɛn no, na wɔkaa abususɛm a ɛyɛ hu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Ɛnna wɔyɛɛ asowui na wɔtew w’anim atua, na wɔtow wo mmara kyenee wɔn akyi, na wokunkum w’adiyifo a wodii wɔn adanse sɛ wɔde resan wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusude akɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:26
35 Iomraidhean Croise  

na woayɛ bɔne asen wɔn a wodii w’anim nyinaa, na woakɔ akɔyɛ anyame foforo ne ahoni a wɔagu sɛ wode rehuru me bo, na woatow me akyene w’akyi nti,


So wɔnkaa nea Yesebel kum AWURADE adiyifo no, meyɛe no nkyerɛɛ me wura, sɛ mefaa AWURADE adiyifo mu mmarima ɔha, na mede wɔn aduonum aduonum misiee ɔbodan mu, na mede aduan ne nsu mehwɛɛ wɔn no?


na Yesebel retwitwa AWURADE adiyifo agu no, Obadia faa AWURADE adiyifo ha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kosiee ɔbodan mu, na ɔde aduan ne nsu hwɛɛ wɔn.


Na ose: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfo agyaw w’apam: W’afɔremuka no, wɔadwiridwiriw, na w’adiyifo nso, wɔde nkrante akunkum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me akum me.


Na AWURADE nam ne nkoa adiyifo no so kae sɛ:


Esiane sɛ Yuda hene Manase ayɛ saa akyide yi, na wayɛ bɔne asen nea Amorifo a wodii n’anim yɛe nyinaa, na ɔde n’abosonhuhu ama Yuda nso ayɛ bɔne nti,


Nanso wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ AWURADE abufuhyew no sɔre hyɛɛ ne man no a wonnya ano aduru bio.


Mpo, wɔyɛɛ nantwi ba a wɔagu kae sɛ: Eyi ne wo nyame a okoyii wo Misraim bae no. Na wɔyɛɛ akyiwade kɛse no,


Na wudii wɔn adanse sɛ wobɛsan wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wodii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na w’atemmude nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, onya mu nkwa. Na wohimaa wɔn mmati fii ho, na wosinsen wɔn kɔn, na wɔantie.


Nanso wukuraa wɔn mfe pii, na wode wo honhom nam w’adiyifo so dii wɔn adanse: na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsaase so aman nsa.


na wo koro yi ara wukyi animka na wotow me nsɛm gu w’akyi?


Ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Esiane sɛ mo agyanom agyaw me, AWURADE asɛm ni, na wɔakodi anyame foforo akyi asom wɔn asɔre wɔn, na me de, wɔagyaw me, na me mmara nso, wɔanni so,


Teta ara kwa na mebobɔɔ mo mma ade; wɔannye nteɛso. Mo afoa akunkum mo adiyifo sɛ gyata a ɔsɛe ade.


Na mede mo mebaa asasebere so, sɛ munni ɛso aba ne ɛso nnepa; nanso mobae no, na mubeguu m’asase ho fi, na mode m’agyapade yɛɛ akyide.


na wɔbae bedii so no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.


AWURADE aka akyerɛ mo, Yuda nkae, sɛ monnkɔ Misraim! Na munhu pefee sɛ madi mo adanse nnɛ.


Yɛn ara na yɛato mmara na yɛatew atua, wo nso woamfa amfiri.


Na mma no nso tew me so atua, wɔannantew m’ahyɛde no mu, na wɔanni m’atemmude so anyɛ, nea onipa yɛ a, obenya mu nkwa no; me home nna nso, wohuraa ho. Ɛnna mise: Merehwie m’anibere magu wɔn so, na mawie m’abufuw wɔn mu sare no so;


Na ahwɛsofo no faa ne nkoa no, na wɔhwee bi, na wokum bi, na wosiw bi abo.


Adiyifo no mu hena na mo agyanom antaa no? Na wokum wɔn a wɔkaa Ɔtreneeni no ba no ho asɛm kan no; ɔno na afei moayi no ama akum no,


anantwi nufusu ani srade, ne nguan nufusu, ne nguammuruwa srade, ne Basan adwennini ne mpapo de, ne awi asaabo mu srade, na wonom bobe aba mu mogya gyenennyenen.


Na Yesurun dɔɔ srade, na ɔtow anankoti; woadɔ srade ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na ogyaw Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na obuu ne nkwagye botan no abomfiaa.


Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfo anyame ne Filistifo anyame, na wogyaw AWURADE hɔ na wɔansom no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan