Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:24 - KYERƐW KRONKRON

24 Na mma no baa so bedii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofo, Kanaanfo no, ase wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahene ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛnea wɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Na wɔn mma no baa so bɛdii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofoɔ, Kanaanfoɔ no, ase wɔ wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahemfo ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Wɔkɔfaa asase no. Wobrɛɛ aman no nyinaa ase wɔ wɔn anim. Na mpo, ahemfo ne Kanaanfo a wɔtenaa asase no so no tumi sae. Wo nkurɔfo ne wɔn dii no sɛnea wɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

24 Na wɔn mma no baa so bɛdii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofoɔ, Kanaanfoɔ no, ase wɔ wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahemfo ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Wɔkɔfaa asase no. Wobrɛɛ aman no nyinaa ase wɔ wɔn anim. Na, mpo, ahemfo ne Kanaanfoɔ a wɔtenaa asase no so no tumi saeɛ. Wo nkurɔfoɔ ne wɔn dii no sɛdeɛ wɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Na mma no baa so bedii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofo, Kanaanfo no, ase wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahene ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛnea wɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:24
13 Iomraidhean Croise  

So ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn na odi mo akyi na wama mo ho nyinaa adwo mo ahyia? Na ɔde asase no sofo ahyɛ mo nsa, na wɔabrɛ asase no ase AWURADE ne ne man anim.


Na Yudafo no de afoa ne okum ne ɔsɛe kaa wɔn atamfo nyinaa, na wɔyɛɛ wɔn atamfo no sɛnea wɔpɛ.


Na mo mma a moka sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum no, wɔn na mede wɔn mɛkɔ so, na wɔahu asase a moto ho mpe no.


na wɔn ani so atetew afi ɔbonsam a wakyere wɔn sɛ wɔnyɛ nea ɔpɛ no afiri mu.


Na Yosua sɛee asase no nyinaa: Mmepɔw no ne nifa fam ne po ho tataw so ne mmepɔw ase ne wɔn ahene nyinaa, wannyaw oguanfo biara, na ade biara a ɛhome no, ɔsɛee no pasaa, sɛnea AWURADE, Israel Nyankopɔn, hyɛe no.


Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel ma ɛyɛɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn nkyekyem te, wɔn mmusuakuw no mu. Na asase no home fii akodi mu.


Eglon hene, Gesar hene,


Tirsa hene, ahene no nyinaa ano si aduasa biako.


Na Israelfo asafo no nyinaa behyiae Silo, na wosii ahyiae ntamadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.


Na AWURADE de asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no nyinaa maa Israel, na wodii so tenaa so.


Asɛm pa a AWURADE kaa Israel fi no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu.


Na Onyankopɔn brɛɛ Kanaan hene Yabin ase da no ara wɔ Israelfo anim;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan