Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:20 - KYERƐW KRONKRON

20 Na wode wo Honhom pa no nso mae, sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa, na wo mana nso woamma ampa wɔn, na nsu nso womaa wɔn de kum wɔn sukɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Na wode wo Honhom pa no nso maa sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa, na wo mana nso woamma no ampa wɔn ano, na nsuo nso womaa wɔn de kumm wɔn sukɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Wosomaa wo honhom pa no kyerɛɛ wɔn nea wɔnyɛ, na woannyae sɛ wobɛma wɔn brodo afi ɔsoro anaa nsu bere a osukɔm de wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

20 Na wode wo Honhom pa no nso maa sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa, na wo mana nso woamma no ampa wɔn ano, na nsuo nso womaa wɔn de kumm wɔn sukɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Wosomaa wo honhom pa no kyerɛɛ wɔn deɛ wɔnyɛ, na woannyae sɛ wobɛma wɔn burodo afiri soro anaa nsuo wɔ ɛberɛ a sukɔm de wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na wode wo Honhom pa no nso mae, sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa, na wo mana nso woamma ampa wɔn, na nsu nso womaa wɔn de kum wɔn sukɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:20
24 Iomraidhean Croise  

Nanso wukuraa wɔn mfe pii, na wode wo honhom nam w’adiyifo so dii wɔn adanse: na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsaase so aman nsa.


Obuee ɔbotan maa nsu tuei, ɛteɛɛ wɔ nkyerekyerewa so sɛ asubɔnten.


Kyerɛkyerɛ me nea wopɛ yɛ, na wone me Nyankopɔn, wo honhom pa no nnya me asase tee so.


Na Israelfo no hui no, wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdɛn ni? Efisɛ wonnim dekode. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi ne aduan a Awurade de ama mo sɛ munni.


Na Israelfo no dii mana mfirihyia aduanan de kosii sɛ woduu asase bi a nkurɔfo bi te so so; wodii mana de kosii sɛ woduu Kanaan asase no hye so.


Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, merebɛma aduan afi soro atɔ ama mo, na ɔman no mfi adi da biara nkɔtase nea ɛbɛso wɔn ano da koro, na mensɔ wɔn menhwɛ sɛ wobedi me mmara so anaasɛ wɔrenni.


Nanso osukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii hyɛɛ Mose kae sɛ: Ɛdɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim sɛ wode osukɔm rebekum yɛn ne yɛn mma ne yɛn mmoa yi?


Hwɛ, megyina w'anim wɔ Horeb ɔbotan no so hɔ, na bɔ ɔbotan no, na nsu befi mu aba, na ɔman no anom. Na Mose yɛɛ sa wɔ Israel mpanyin no anim.


Ɔde wɔn nam anwea pradada so no, nanso osukɔm anne wɔn; otuee nsu fii ɔbotan mu maa wɔn, ɔpaee ɔbotan mu maa nsu senee.


ɔkɔm renne wɔn, na osukɔm renne wɔn, na ɔhyew ne owia renka wɔn, na nea ohu wɔn mmɔbɔ no begya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasu so kwan.


Ɛnam Apam a me ne mo pamee bere a mufii Misraim bae no ne me honhom a ɛte mo mu no nti, munnsuro.


Na mesian me ne wo abɛkasa, na mede honhom a ɛwɔ wo so no bi magu wɔn so na wɔne wo aso ɔman no adesoa no mu, na wo nko woankura.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ wunim Onyankopɔn akyɛde ne nea ose wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wubebisa no, na wama wo nkwa nsu.


Na nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu.


Nanso, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne Honhom dɔ so mesrɛ mo sɛ monko me abia wɔ mpae a mobɔ Onyankopɔn ma me no mu,


na wɔn nyinaa dii honhom fam aduan koro,


efisɛ hann aba da adi papayɛ ne trenee ne nokware nyinaa mu,


Na Israelfo no annya bi bio, afei wodii Kanaan asase no so nnɔbae afe no ara mu.


efisɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na mmom Onyankopɔn nnipa kronkron so, sɛnea Honhom Kronkron de wɔn rekɔ no, na wɔkasae.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan