Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na Israelfo no tew wɔn ho fii ananafo mma nyinaa ho, na wogyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumɔyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Israelfoɔ no tee wɔn ho firii ananafoɔ mma nyinaa ho, na wɔgyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumuyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Bere a wɔreka wɔn ankasa bɔne ne wɔn agyanom bɔne no, Israelfo no twee wɔn ho fii ananafo nyinaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Israelfoɔ no tee wɔn ho firii ananafoɔ mma nyinaa ho, na wɔgyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumuyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛberɛ a wɔreka wɔn ankasa bɔne ne wɔn agyanom bɔne no, Israelfoɔ no twee wɔn ho firii ananafoɔ nyinaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Israelfo no tew wɔn ho fii ananafo mma nyinaa ho, na wogyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumɔyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:2
24 Iomraidhean Croise  

na wɔma ɛka wɔn koma, asase a wɔafa wɔn nnommum akɔ hɔ no so, na wɔdan wɔn ho na wɔkotɔ srɛ wo wɔn nnommumfafo asase no so ka sɛ: Yɛayɛ bɔne na yɛato, yɛadi abɔnefosɛm,


Na afei mompae mu nka nkyerɛ AWURADE mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ nea ɔpɛ no, na montew mo ho mfi asase so aman ne mmea ananafo no ho.


Na Israelfo a wofi otukɔ mu bae no ne wɔn a wɔatew wɔn ho afi asase no so amanaman no afide ho aba wɔn nkyɛn abɛhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no dii Twam guan no,


Na wowiee eyinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfo ne Lewifo no ntew wɔn ho mfii nsaase so aman sɛ Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Yebusifo, Amonfo, Moabfo, Misraimfo ne Amorifo akyide ho ɛ,


AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔtreneeni ne wo, efisɛ wɔagyaw yɛn nkae bi a wɔafi mu sɛ ɛte nnɛ yi; hwɛ, yɛwɔ w’anim, yɛn asodi mu; na eyi nti obi bi rentumi nnyina w'anim.


efisɛ wɔafofa wɔn mmabea mu bi, na wɔne wɔn mma awareware wɔn, na asefo kronkron no de wɔn ho akɔfra nsaase so aman no; na mmapɔmma ne amampanyin no na edi mmarato yi mu kan.


Ma w’aso mmra so na w’aniwa mmue, na fa tie w’akoa mpae a merebɔ w’anim nnɛ awia ne anadwo ama wo nkoa Israelfo, ne ɔka a mereka Israelfo bɔne a yɛayɛ wo no; na me nso ne m’agya fi ayɛ bɔne.


Na ɔman no nkae, asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, nsɔfokwaa ne wɔn a wɔtew wɔn ho fii nsaase so aman ho baa Onyankopɔn mmara ho no, wɔn yerenom, wɔn mmammarima ne wɔn mmabea, animdefo ne nhumufo nyinaa,


wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wobedi Onyankopɔn mmara a wɔnam Onyankopɔn akoa Mose so hyɛe no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’ahyɛde nyinaa;


Na wɔtee mmara no no, woyiyii amamfrafo nyinaa fii Israel.


Na midwiraa wɔn ho fii amanaman nneɛma nyinaa ho, na mehyehyɛɛ asɔfo ne Lewifo no asɛde, sɛnea obiara adwuma te,


Huam me na yi me fi ananafo mma a wɔn ano ka nsɛnhuhuw na wɔn nifa yɛ atoro nifa nsam.


Teɛ wo nsa fi soro noho, huam me, na yi me fi nsu akɛse mu, fi ananafo mma nsam.


Nea ɔkata ne mmarato so no, ɔrenkye ade, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.


Na woagyaw wo man, O Yakob fi, efisɛ apuei ntafowayifo ayɛ wɔn amaama, ɛne nkɔmhyɛfo, sɛ Filistifo, na wɔne ananafo fa ayɔnko.


O AWURADE, yɛahu yɛn abususɛm, ne yɛn agyanom amumɔyɛ, na yɛayɛ wo bɔne.


Hu w’amumɔyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woabɔ anworaman akɔ ananafo nkyɛn, dua biara a esi frɔmm ase, na me nne de, muntiei, AWURADE asɛm ni.


Na meda so merekasa na merebɔ mpae na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me nkotɔsrɛ mereto AWURADE me Nyankopɔn anim mama me Nyankopɔn bepɔw kronkron,


Wɔatwa AWURADE nkontompo, na wɔawowo ananafo mma; afei ɔsram foforo bɛmene wɔn ne wɔn nsase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan