Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wosinsen wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Nanso yɛn agyanom yɛɛ ahantan ne asoɔden, na wɔanni wʼahyɛde so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Nanso, yɛn agyanom yɛɛ ahantan ne asoɔden, na wɔanni wʼahyɛdeɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wosinsen wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:16
33 Iomraidhean Croise  

Nanso wɔantie, na wosinsen wɔn kɔn sɛ wɔn agyanom a wɔannye AWURADE wɔn Nyankopɔn anni no.


Na yɛn agyanom fomee, na wɔyɛɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ani so bɔne, na wogyaw no, na woyii wɔn ani fii AWURADE tenabea ho, na wɔde wɔn akyi kyerɛɛ no.


Afei munnsinsen mo kɔn sɛ mo agyanom, momfa mo nsa mma AWURADE, na mommra ne kronkronbea a wayɛ no kronkron de rekosi daa no, na monsom AWURADE mo Nyankopɔn, na n’abufuhyew no mfi mo ho nkɔ.


Nanso ɔtew ɔhene Nebukadnesar a ɔma ɔkaa Onyankopɔn ntam no anim atua. Na osen ne kɔn na opirim ne koma sɛ ɔrensan mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn.


Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofo nyinaa so, na wuhui sɛ wɔadi wɔn so ahantansɛm; na wugyee din sɛ ɛte nnɛ yi.


Na wudii wɔn adanse sɛ wobɛsan wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wodii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na w’atemmude nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, onya mu nkwa. Na wohimaa wɔn mmati fii ho, na wosinsen wɔn kɔn, na wɔantie.


Yɛne yɛn agyanom ayɛ bɔne, yɛafom, yɛayɛ bɔne kɛse.


Me man, tie, na minni wo adanse! O, Israel, sɛ wubetie me ɛ!


na ɔkae sɛ: Sɛ otie na wubetie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ nea ɛteɛ wɔ n'anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n'ahyɛde nyinaa so a, ɛnne meremfa ɔyare a mede miguu Misraim so no biara mingu wo so: na mene AWURADE, wo yaresafo no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:


Animka nipa a osen ne kɔn, wobebu no mpofirim, na ano nni aduru.


Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye,


Efisɛ minim sɛ woyɛ asoɔden, na wo kɔn yɛ ɔdaban, na wo moma yɛ kɔbere;


Na wɔn de, wɔtew atua na wɔhyɛɛ ne honhom kronkron no yaw, enti ɔdan wɔn ɔtamfo, na ɔno ara ne wɔn dii dɔm.


Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede bɔne a maka magu kurow yi so no nyinaa bɛba ɛno ne ɛho nkurow nyinaa so, efisɛ wɔasen wɔn kɔn, nea ɛbɛyɛ na wɔantie me nsɛm.


Mo nnɛ mma, monhwɛ AWURADE asɛm. So madan Israel sare so anaa asase a aduru sum kabii? Ɛdɛn nti na me man ka sɛ: Yɛato yɛn ho sraha, yɛremma wo nkyɛn bio?


nanso wɔantie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wosen wɔn kɔn yɛɛ bɔne sen wɔn agyanom.


Na ɔtew m’atemmude ahi di abɔnefosɛm sen amanaman no, ne m’ahyɛde nso, sen nsaase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapa m’atemmude, na wɔannantew m’ahyɛde mu.


Mo a mo kɔn asen na moyɛ koma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asi; sɛnea mo agyanom yɛe no, saa ara na moyɛ.


Na wo komaden ne komapirim nti, woreboaboa abufuw ano de atwɛn abufuw ne Nyankopɔn atɛntrenee no adiyi da no.


Na me de, minim w’atuatew ne wo kɔn a asen; hwɛ, meda so ne mo te ase nnɛ yi po moyɛ AWURADE anim atuatewfo, na me wu akyi ɛ!


Na Yesurun dɔɔ srade, na ɔtow anankoti; woadɔ srade ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na ogyaw Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na obuu ne nkwagye botan no abomfiaa.


O, sɛ anka wobenya koma a ɛte sɛɛ na wɔde asuro me adi me mmara nsɛm so nna nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma yiye daa ɛ!


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mahu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asen;


Kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob; nnan w’ani nhwɛ ɔman yi asoɔden ne wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne,


Enti hu sɛ ɛnyɛ wo trenee nti na AWURADE wo Nyankopɔn de asase pa yi rema wo sɛ di so, na ɔman a wɔn kɔn asen ne wo.


Na mmom muntutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ, “Ɛnnɛ” no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma.


Sɛ wɔka sɛ: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, mummpirim mo koma sɛ ahiyi no mu a,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan