Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Na wode ɔsoro aduan maa wɔn de kum wɔn kɔm, na wuyii nsu fii ɔbotan mu maa wɔn de kum wɔn sukɔm, na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra mmedi asase a wokaa wɔn ntam sɛ wode bɛma wɔn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na wode ɔsoro aduane maa wɔn de kumm wɔn kɔm, na woyii nsuo firii ɔbotan mu maa wɔn de kumm wɔn sukɔm, na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra mmɛdi asase a wokaa wɔn ntam sɛ wode bɛma wɔn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Bere a ɔkɔm dee wɔn no, womaa wɔn brodo a efi ɔsoro ne nsu a efi ɔbotan mu, bere a osukɔm dee wɔn no. Wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa asase a woaka ho ntam sɛ wode bɛma wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

15 Na wode ɔsoro aduane maa wɔn de kumm wɔn kɔm, na woyii nsuo firii ɔbotan mu maa wɔn de kumm wɔn sukɔm, na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra mmɛdi asase a wokaa wɔn ntam sɛ wode bɛma wɔn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɛberɛ a ɛkɔm de wɔn no, womaa wɔn burodo a ɛfiri ɔsoro ne nsuo a ɛfiri ɔbotan mu wɔ ɛberɛ a sukɔm de wɔn no. Wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa asase a woaka ho ntam sɛ wode bɛma wɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na wode ɔsoro aduan maa wɔn de kum wɔn kɔm, na wuyii nsu fii ɔbotan mu maa wɔn de kum wɔn sukɔm, na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra mmedi asase a wokaa wɔn ntam sɛ wode bɛma wɔn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:15
23 Iomraidhean Croise  

Na Abram ka kyerɛɛ Sodom hene no sɛ: Mema me nsa so mekyerɛ AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no,


Na wode wo Honhom pa no nso mae, sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa, na wo mana nso woamma ampa wɔn, na nsu nso womaa wɔn de kum wɔn sukɔm.


Ɔno na ɔdan ɔbotan ma ɛyɛɛ ɔtare, na atwɛrebo yɛɛ nsuaniwa.


Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, merebɛma aduan afi soro atɔ ama mo, na ɔman no mfi adi da biara nkɔtase nea ɛbɛso wɔn ano da koro, na mensɔ wɔn menhwɛ sɛ wobedi me mmara so anaasɛ wɔrenni.


Nanso osukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii hyɛɛ Mose kae sɛ: Ɛdɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim sɛ wode osukɔm rebekum yɛn ne yɛn mma ne yɛn mmoa yi?


Hwɛ, megyina w'anim wɔ Horeb ɔbotan no so hɔ, na bɔ ɔbotan no, na nsu befi mu aba, na ɔman no anom. Na Mose yɛɛ sa wɔ Israel mpanyin no anim.


Na mede mo mɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede mɛma Abraham, Isak ne Yakob no so, na mede mɛma mo sɛ agyapade. Mene Awurade.


Ɔde wɔn nam anwea pradada so no, nanso osukɔm anne wɔn; otuee nsu fii ɔbotan mu maa wɔn, ɔpaee ɔbotan mu maa nsu senee.


na wɔbae bedii so no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.


Nanso memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn sare so sɛ meremfa wɔn menkɔ asase a memae a ɛsen nufusu ne ɛwo a ɛyɛ nsaase nyinaa ahyehyɛde no so,


morennu asase a mekaa ntam sɛ mede mo mɛtena so no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.


Hwɛ, AWURADE wo Nyankopɔn de asase no ato w’anim. Foro kɔfa, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ wo no; nsuro, na mma wo bo nntu.


Hwɛ, mede asase no mato mo anim; monkɔ nkɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom, Abraham, Isak ne Yakob, sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo a wodi wɔn akyi no.


Na ɔbrɛɛ wo ase maa ɔkɔm dee wo, na ɔde mana a wunnim na w’agyanom nso nnim yɛn wo, na wama woahu sɛ, ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase, na ade biara a efi AWURADE anom so na onipa nam tena ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan