Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Na woma wohuu wo homeda kronkron no, na wonam w’akoa Mose so hyɛɛ wɔn mmara nsɛm ne ahyɛde ne mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na womaa wɔhunuu wo home da kronkron no, na wonam w’akoa Mose so hyɛɛ wɔn mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Wokyerɛɛ wɔn mmara a ɛfa wo homeda kronkron ho. Na wonam wo somfo Mose so hyɛɛ wɔn sɛnea wonsi nni wʼahyɛde ne wo mmara no nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

14 Na womaa wɔhunuu wo home da kronkron no, na wonam w’akoa Mose so hyɛɛ wɔn mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Wokyerɛɛ wɔn mmara a ɛfa wo homeda kronkron ho. Na wonam wo ɔsomfoɔ Mose so hyɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnsi nni wʼahyɛdeɛ ne wo mmara no nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na woma wohuu wo homeda kronkron no, na wonam w’akoa Mose so hyɛɛ wɔn mmara nsɛm ne ahyɛde ne mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:14
17 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ ɛno mu na Onyankopɔn home fii n'adwuma a ɔbɔe na ɔyɛe nyinaa ho.


Na kae asɛm a wode hyɛɛ w’akoa Mose no sɛ: Mo de, mofom a, me nso mɛbɔ mo mapete aman mu;


Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbona nkyem abiɛsa mu biako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fi som no;


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nea Awurade aka ni: Ɔkyena yɛ ɔhome, homeda kronkron a wodi ma Awurade, monto nea mowɔ to, na monnoa nea mowɔ noa; na nea ɛbɛka no, momfa nsie nkosi anɔpa.


Monhwɛ, sɛ Awurade ama mo homeda nti na da a ɛto so asia no ɔma mo nnanu aduan; montenatena mo afi mu; mma obiara mmfi adi mmfi ne tenabea da a ɛto so ason no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro bra me nkyɛn bepɔw no so bɛtena ha, na mɛma wo abo pon ne mmara ne ahyɛde a makyerɛw, na woakyerɛkyerɛ wɔn.


na mede m’ahyɛde memaa wɔn, na mema wohuu m’atemmude a sɛ onipa yɛ a, onya mu nkwa no;


nanso mede me home nna memaa wɔn, sɛ ɛnyɛ me ne wɔn ntam sɛnkyerɛnne, na wonhu sɛ mene AWURADE a metew wɔn ho no.


na monyɛ me home nna no kronkron, na ɛnyɛ me ne mo ntam sɛnkyerɛnne, na munhu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Mo nyinaa nsuro mo nanom ne mo agyanom, na munni me home nna no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Eyinom ne mmara nsɛm a AWURADE de hyɛɛ Mose, Sinai bepɔw so, ma ɔde kɔmaa Israelfo no.


Na mmara no de, wɔnam Mose so na ɛmae; na adom ne nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae.


Eyinom ne adansesɛm ne ahyɛde ne atemmude a Israelfo fii Misraim bae no, Mose ka kyerɛɛ wɔn,


Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛde ne atemmude, sɛnea AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no, sɛ monyɛ sa, asase a morekɔ so akɔfa no so.


Na wo de, gyina me nkyɛn ha, na menka mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmude a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn no nyinaa menkyerɛ wo na wɔnyɛ wɔ asase a mede merema wɔn sɛ wɔmfa no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan