Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Nso wusian baa Sinai bepɔw so, na wufi soro ne wɔn kasae, na womaa wɔn trenee atemmude ne nokware mmara, ahyɛde ne mmara nsɛm a eye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Nso wosiane baa Sinai bepɔ so, na wofiri soro ne wɔn kasae, na womaa wɔn tenenee atemmudeɛ ne nokorɛ mmara, ahyɛdeɛ ne mmara nsɛm a ɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 “Wusian bepɔw Sinai, kasa kyerɛɛ wɔn fi ɔsoro. Wode mmara a ɛyɛ turodoo ne ahyɛde a ɛyɛ nokware brɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Nso wosiane baa Sinai bepɔ so, na wofiri soro ne wɔn kasae, na womaa wɔn tenenee atemmudeɛ ne nokorɛ mmara, ahyɛdeɛ ne mmara nsɛm a ɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 “Wosianee bepɔ Sinai, kasa kyerɛɛ wɔn firi ɔsoro. Wode mmara a ɛyɛ turodoo ne ahyɛdeɛ a ɛyɛ nokorɛ brɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Nso wusian baa Sinai bepɔw so, na wufi soro ne wɔn kasae, na womaa wɔn trenee atemmude ne nokware mmara, ahyɛde ne mmara nsɛm a eye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:13
27 Iomraidhean Croise  

Na ahyɛde ne atemmude ne mmara ne ɛmom a ɔkyerɛw maa mo no, munni so nyɛ nna nyinaa, na munnsuro anyame foforo.


ɔno Esra no foro fi Babel bae, nso ɔyɛ ɔkyerɛwfo a wakwadaw Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de mae no mu. Ɔno na ɔhene de nea obisae nyinaa maa no, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nsa wɔ no so.


Ɔtreneeni ne wo, AWURADE, na w’atemmude nso teɛ.


W’asɛm ntoano yɛ nokware, na wo trenee atemmu nyinaa wɔ hɔ daa.


Wo na wode wo nsiesiei ahyɛ yɛn sɛ yenni so koraa.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nea Awurade aka ni: Ɔkyena yɛ ɔhome, homeda kronkron a wodi ma Awurade, monto nea mowɔ to, na monnoa nea mowɔ noa; na nea ɛbɛka no, momfa nsie nkosi anɔpa.


na wonsiesie wɔn ho nsie da a ɛto so abiɛsa; na ɛda a ɛto so abiɛsa no, AWURADE besian ɔman no nyinaa anim aba bepɔw Sinai so.


Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ:


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ ka kyerɛ Israelfo no ni: Mo ara moahu sɛ mifi soro na me ne mo akasa.


O, sɛ wusunsuane ɔsoro mu sian na mmepɔw wosow w’anim ɛ!


Woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ hu a yɛn ani anna so, wusian sii fam, na mmepɔw wosowee w’anim!


Onyankopɔn fi Teman ba, na ɔkronkronni no fi Paran bepɔw so. Sela N’anuonyam kata ɔsoro, na n’ayeyi yɛ asase so ma.


Na sɛ nea mempɛ no na meyɛ a, ɛnne mepene so sɛ mmara no ye.


AWURADE fi Sinai bae, na opue fii Seir maa wɔn, ɔharan fii Paran bepɔw so; ofi akronkronfo pii mu na ɛbae, ogya a ɛyɛ mmara ma wɔn wɔ ne nifa mu.


Sɛ ɔman bi ate Onyankopɔn nne sɛ efi ogya mu rekasa, sɛnea wotee no, na wɔanya nkwa?


Ofi soro ma wotee ne nne sɛ ɔreteɛ wo so, na asase so nso wama woahu ne gya kɛse no, na woate ne nsɛm afi gya mu.


Na ɔman kɛse bɛn na ɛwɔ ahyɛde ne atemmude trenee sɛ mmara a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa?


AWURADE fi ogya no mu ne mo dii nhwɛanim na ɔkasae, bepɔw no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan