Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na wode omununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam so no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na wode mununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo, sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam soɔ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wonam omununkum fadum so dii yɛn agyanom anim awia ne ogya fadum so, dii wɔn anim anadwo sɛnea wobehu kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na wode mununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo, sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam soɔ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wonam omununkum fadum so dii yɛn agyanom anim awia ne ogya fadum so, dii wɔn anim anadwo sɛdeɛ wɔbɛhunu ɛkwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na wode omununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam so no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:12
12 Iomraidhean Croise  

wo de, wo mmɔborohunu bebree nti, woannyaw wɔn sare no so: Omununkum dum no amfi wɔn so awia, sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan, ne ogya dum no nso anadwo, sɛ ɛbɛdɛw ama wɔn akyerɛ wɔn kwan a wɔmfa so.


Ɔtrɛw omununkum mu yɛɛ nkataso, ne ogya, sɛ ɛnyɛ hann anadwo.


na ɔde wɔn faa ɔkwantrenee so sɛ wɔnkɔ kurow a wobetumi atena mu so.


Ma mente w’adɔe anɔpa, na wo so na mede me ho meto. Ma minhu ɔkwan a memfa so, na wo na mema me kra so mekyerɛ wo.


Ɔde mununkum gyaa wɔn awia, na anadwo nyinaa ɔde gya kanea nso gyaa wɔn.


Wode w'adɔe gyaa ɔman a woagye wɔn yi, wode w'ahoɔden kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ wo kronkronyɛ tenabea.


ɛda no na memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn, sɛ merebeyi wɔn afi Misraim asase so mede wɔn makɔ asase a mepɛe memaa wɔn a ɛsen nufusu ne ɛwo a ɛyɛ nsaase nyinaa ahyehyɛde no so,


Saa na ɛyɛ daa: omununkum no kata so awia na ogya no pue anadwo.


Na sɛ ebia omununkum no gyina fi anwummere kosi anɔpa na ɛma ne ho so anɔpa a, wotu; anaasɛ awia ne anadwo na omununkum no ma ne ho so a, wotu;


nanso ɔno na odii mo anim ɔkwan so sɛ ɔrekɔsra mo nsrabɔbea ama mo, ogya mu anadwo, sɛ ɔrekyerɛ mo kwan a momfa so, ne omununkum mu awia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan