Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsram yi da a ɛto so aduonu anan no, Israelfo no boaa wɔn ho ano hyiae mmuadadi ne ayitam mu, na wɔtwitwaa ntwoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na bosome yi da a ɛtɔ so aduonu nnan no, Israelfoɔ no boaa wɔn ano hyiaa mmuadadie ne ayitoma mu, na wɔatwitwa ntwoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so aduasa baako no, ɔmanfo no boaa wɔn ho ano, dii mmuada, furaa atweaatam, tuu mfutuma petee wɔn tirim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na bosome yi da a ɛtɔ so aduonu nnan no, Israelfoɔ no boaa wɔn ano hyiaa mmuadadie ne ayitoma mu, na wɔatwitwa ntwoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) ɛda a ɛtɔ so aduasa baako no, ɔmanfoɔ no boaa wɔn ho ano, dii mmuada, firaa ayitoma, tuu mfuturo petee wɔn tirim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsram yi da a ɛto so aduonu anan no, Israelfo no boaa wɔn ho ano hyiae mmuadadi ne ayitam mu, na wɔtwitwaa ntwoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:1
22 Iomraidhean Croise  

Na da a ɛto so abiɛsa no, hwɛ, ɔbarima bi fi Saul nsra no mu bae, na n’atade asunsuan, na dɔte gu n’atifi; na oduu Dawid nkyɛn no, ɔhwee fam kotow no.


Na Yehosafat suroe, na ɔde n’ani too AWURADE hwehwɛ so, na ɔpaee abuadadi Yuda nyinaa mu.


Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so aduonu abiɛsa no, ogyaa ɔman no kwan ma wɔkokɔɔ wɔn afi. Na wɔn ani gyei na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, adepa a AWURADE ayɛ Dawid ne Solomon ne ne man Israel no nti.


Ɛnna mepaee mmuadadi wɔ Ahawa asu no so, sɛ yɛrebrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim ahwehwɛ ne hɔ ɔkwan trenee ama yɛn ne yɛn mma nkumaa ne yɛn nneɛma nyinaa,


Na yedii abuada hwehwɛɛ eyi yɛn Nyankopɔn nsam, na otiee yɛn.


Na ɔsɔfo Esra de mmara no baa bagua a mmarima ne mmea ne obiara a obetumi atie ate ase no wɔ mu no anim, ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan.


Kohyia Yudafo a wohu wɔn Susan nyinaa boa ano, na me nti munni mmuada, na munnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bedi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara so; na sɛ miwu a, na mawu.


Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duu hɔ no, nkɔmmɔdi kɛse ne mmuadadi ne osu ne adwotwa baa Yudafo no mu, na nnipa pii dedaa ayitam ne nso mu.


Na wofi akyirikyiri momaa wɔn ani so, na wohuu no no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno; na wɔmomaa wɔn nne so sui, na wosunsuanee wɔn ntade mu, na wɔtow mfutuma kɔɔ ɔsoro guu wɔn atifi.


Na ɛda no, AWURADE, asafo AWURADE, frɛɛ nnipa baa osu ne adwotwa ne tikwawbɔ ne atweaatamfura mu,


Na afei nso, AWURADE na ose, monsan mmra me nkyɛn, mo koma nyinaa ne abuadadi ne osu ne adwotwa mu.


Kasa kyerɛ Israelfo sɛ, ɔsram a ɛto so ason yi da a ɛto so dunum no yɛ asese afahyɛ nnansɔn ma AWURADE.


Nso ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum a moreboa asase so nnɔbae ano no, munni AWURADE nnapɔnna nnansɔn: da a edi kan no yɛ homeda, na ɛda a ɛto so awotwe no yɛ homeda.


Na Yosua sunsuanee ne ntade mu, na ɔde n’anim butuw fam, AWURADE adaka no anim de kosii anwummere, ɔno ne Israel mpanyimfo, na wɔde dɔte guguu wɔn atifi.


Na mɛma m’adansefo baanu afurafura atweaatam abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.


Ɛnna Israelfo nyinaa ne ɔman no nyinaa siim kɔɔ Betel, na wosui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kosii anwummere, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre AWURADE anim.


Na Benyaminni bi fi mpasua no so tutuu mmirika baa Silo da no ara, na n’atade asunsuane, na dɔte gu n’atifi.


Na wobehyiae wɔ Mispa, na wɔsaw nsu hwie guu AWURADE anim, na wobua dae da no, na wɔkae hɔ sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne. Na Samuel dii Israelfo hene wɔ Mispa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan