Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na Nehemia a ɔne amrado no ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, ne Lewifo a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Munnni nkɔmmɔ, na munnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Nehemia a ɔne amrado no ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no ne Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Monnni abooboo, na monnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na amrado Nehemia, ɔsɔfo Ɛsra a na ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo ne Lewifo a na wɔrekyerɛkyerɛ ase akyerɛ ɔmanfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsu da a ɛte sɛɛ yi! Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade, mo Nyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa sui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na Nehemia a ɔne amrado no ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no ne Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Monnni abooboo, na monnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na amrado Nehemia, ɔsɔfoɔ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni ne Lewifoɔ a na wɔrekyerɛkyerɛ aseɛ akyerɛ ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsu ɛda a ɛte sɛ yei! Ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ ɛda kronkron wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa suiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Nehemia a ɔne amrado no ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, ne Lewifo a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Munnni nkɔmmɔ, na munnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:9
30 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene tee mmara nhoma no mu nsɛm no, osunsuanee ne ntade mu.


esiane sɛ wo koma yɛ bɛtɛɛ na woabrɛ wo ho ase AWURADE anim, sɛ wotee nea maka, ɛha yi ne ɛhafo ho, sɛ wɔbɛdan amamfo ne nnome, na woasunsuane wo ntade mu na woasu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ose.


Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wonni nokware Nyankopɔn no, na wonni ɔsɔfo a ɔkyerɛkyerɛ, na wonni mmara.


Na Hesekia kaa Lewifo a wɔwɔ AWURADE ho nimdeɛ pa no nyinaa abotɔyam asɛm, na wodii afahyɛ afɔrebɔde no nnansɔn, na wɔbobɔɔ asomdwoe afɔre, na wɔkamfoo AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.


Na ɔhene tee mmara no mu nsɛm no no, osunsuanee ne ntade mu.


Monkɔ nkobisa AWURADE ade mma me ne Israel ne Yuda mu nkae, nhoma a wɔahu no mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuw a wɔahwie agu yɛn so no so, sɛ yɛn agyanom anhwɛ AWURADE asɛm anyɛ sɛnea wɔakyerɛw nhoma yi mu no nyinaa nti.


Na ɔka kyerɛɛ Lewifo a wɔkyerɛkyerɛ Israel nyinaa na wɔyɛ akronkronfo ma AWURADE no sɛ: Momfa adaka kronkron no mmesi ofi a Israel hene Solomon, Dawid ba, sii no mu; ɛnyɛ mo mmati so adesoa bio. Afei monsom AWURADE mo Nyankopɔn ne ne man Israel.


Na amrado ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonnni akronkronne mu ade kronkron no bi kosi sɛ ɔsɔfo bi de Urim ne Tumim ase ne: Hann ne nokware begyina hɔ.


Na nhoma a ɔhene Artasasta de maa ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo a ɔkyerɛw AWURADE mmara nsɛm ne n’ahyɛde a ɔde hyehyɛɛ Israel no mu nsɛm no, ne nsusuwso ni:


Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia,


Eyinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yehoiakim bere so, ne amrado Nehemia ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, bere so.


Na amrado no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonnni akronkronne mu ade kronkron no bi nkosi sɛ ɔsɔfo bi de Urim ne Tumim.


Na agyanom atitiriw no mu fa bi bɛkyɛɛ adwuma no ho ade: Amrado no maa sika nsuruboaa apem, nkora aduonum, asɔfotade ahanum ne aduasa, sɛ wɔmfa ngu akorade no mu.


Na ɔsɔfo Esra de mmara no baa bagua a mmarima ne mmea ne obiara a obetumi atie ate ase no wɔ mu no anim, ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan.


osu wɔ ne bere, na ɔserew wɔ ne bere; nkɔmmɔdi wɔ ne bere, na asaw wɔ ne bere;


menhyehyɛ Sion nkɔmmɔdifo memma wɔnnɛnsow nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo minsi nkɔmmɔdi ananmu, memma wɔn ayeyi ntade minsi honhom a watɔ beraw ananmu, na wɔmfrɛ wɔn trenee nnua, AWURADE tɛw nnua a ɛhyɛ no anuonyam.


Nimdeɛ a me man nni nti, wobetwa wɔn agu; na wo nso, wopoo nimdeɛ nti, mɛpo wo sɛ: Nni me sɔfo; na wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ befi wo mma.


Kasa kyerɛ Israelfo sɛ ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan nyɛ mo homeda, torobɛntohyɛn nkae, nhyia kronkron;


Na nea ɛto so abien yi nso moyɛ: Mode nusu ne osu ne ahomegu kata Awurade afɔremuka so ma ɔnnan mmɛhwɛ ayɛyɛde no, na onnye mo nsam nea ɛsɔ n’ani bio.


Efisɛ wɔremfi mmara nnwuma mu mmu ɔhonam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hu bɔne yiye.


Na me de, makwati mmara no matena ase pɛn; na mmara asɛm no bae no, bɔne nyanee bio;


Na momma mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo ne mo mmammarima ne mo mmabea ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kurow apon mu, efisɛ ɔno de, onni mo mu kyɛfa anaa agyapade.


Na ɛhɔ na munnidi, AWURADE mo Nyankopɔn anim, na mo ne mo afi ani nnye ade a mode mo nsa ka a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira wo no nyinaa mu.


na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo nkurow mu ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi sɛ ne din ntena hɔ no.


minnii bi m’awerɛhow mu, na minyii bi, bere a me ho ntew, na memfaa bi memmaa owufo bi; matie AWURADE me Nyankopɔn nne, na mayɛ sɛnea woahyɛ me nyinaa.


Munni nkɔmmɔ, na mo werɛ nhow, na munsu! Mo serew nnan awerɛhow, na mo anigye nnan aniwu!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan