Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na wɔkenkan Onyankopɔn mmara nhoma no fann, na wɔkyerɛɛ ase ma wɔtee ne kenkan no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no kofee, na wɔkyerɛɛ aseɛ maa wɔtee ne kenkan no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔkenkan fii Onyankopɔn mmara nhoma no mu kyerɛɛ wɔn nea wɔkenkanee no ase, boaa ɔmanfo no ma wɔtee ɔkasapɛn biara ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no kofee, na wɔkyerɛɛ aseɛ maa wɔtee ne kenkan no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔkenkan firii Onyankopɔn mmara nwoma no mu kyerɛɛ wɔn deɛ wɔkenkan no ase, boaa ɔmanfoɔ no ma wɔtee twerɛpɛn biara ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na wɔkenkan Onyankopɔn mmara nhoma no fann, na wɔkyerɛɛ ase ma wɔtee ne kenkan no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:8
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene foro kɔɔ AWURADE fi, na Yuda mmarima nyinaa ne Yerusalemfo nyinaa ne asɔfo ne adiyifo ne ɔman mu no nyinaa, efi nketewa so kosi akɛse so, ka ne ho. Na ɔkenkan apam nhoma a wohuu AWURADE fi no mu nsɛm no nyinaa guu wɔn nyinaa asom.


Nhoma a mosoma ma wɔde brɛɛ yɛn no, wɔakenkan no fann m’anim.


Ɛnna ɔman no nyinaa kɔe kodidii na wɔnomee, na wɔde bi kyekyɛe, na wonyaa anigye kɛse pa ara, efisɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.


Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifo no maa ɔman no huu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinae.


Na Nehemia a ɔne amrado no ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, ne Lewifo a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Munnni nkɔmmɔ, na munnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu.


Na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn gyinabea, na wɔkenkan AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nhoma no mu adekyee mu nkyɛmu anan mu biako, na nkyɛmu anan mu biako nso wɔde kaa wɔn bɔne, na wɔkotow AWURADE wɔn Nyankopɔn.


Na ɔberɛmpɔn no, sɛ wɔreba mu a, ɔmfra wɔn mu mmra mu, na sɛ wɔrefi adi a, ɔne wɔn mfi adi.


Na AWURADE buaa me sɛ: Kyerɛw adehu no, na kyerɛkyerɛ mu gu abopon so, na wɔanya no akanye ahoɔhare so.


Na ofii Mose ne Adiyifo nyinaa so kyerɛɛ wɔn kyerɛw nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase.


Ɛnna wosisee wɔn ho sɛ: Ɔne yɛn rekasa ɔkwan mu na obuee kyerɛw nsɛm no mu kyerɛɛ yɛn no, so yɛn akoma mu anyɛ yɛn dɛdɛɛdɛ anaa?


Ɛno na obuee wɔn adwene mu ma wɔtee kyerɛw nsɛm no ase.


Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn nea ɔte hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn ase dii Nyankopɔn ahenni ho adanse, na ɔde Mose mmara ne adiyifo no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no mu fi anɔpa kosii anadwofa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan