Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifo no maa ɔman no huu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifoɔ no maa ɔman no hunuu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, Lewifo a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfo a wogyinagyina hɔ no nea wɔnyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifoɔ no maa ɔman no hunuu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, Lewifoɔ a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyinagyina hɔ no deɛ wɔnyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifo no maa ɔman no huu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:7
27 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene dan n’ani, na ohyiraa Israel asafo no nyinaa, na Israel asafo no nyinaa gyinagyina hɔ.


Na Hesekia kaa Lewifo a wɔwɔ AWURADE ho nimdeɛ pa no nyinaa abotɔyam asɛm, na wodii afahyɛ afɔrebɔde no nnansɔn, na wɔbobɔɔ asomdwoe afɔre, na wɔkamfoo AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.


Na ɔka kyerɛɛ Lewifo a wɔkyerɛkyerɛ Israel nyinaa na wɔyɛ akronkronfo ma AWURADE no sɛ: Momfa adaka kronkron no mmesi ofi a Israel hene Solomon, Dawid ba, sii no mu; ɛnyɛ mo mmati so adesoa bio. Afei monsom AWURADE mo Nyankopɔn ne ne man Israel.


Na yɛn Nyankopɔn nsa pa a ɛwɔ yɛn so no nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔba nimdefo bi a ofi Israel ba Lewi ba Mahli mma mu, Serebia ne ne mma ne ne nuanom, nnipa dunwɔtwe,


Seraia, Asaria, Yeremia,


ne Sabetai ne Yosabad, wodi Onyankopɔn fi anihumafo so, wofi Lewifo atitiriw no mu;


Na aponanohwɛfo no: Akub, Talmon ne wɔn nuanom a wɔwɛn apon ano no: Ɔha aduɔsɔn abien.


ne Asaria, Esra ne Mesulam,


Ɔno so na Lewifo no, Bani ba Rehum, bɛtoae miamiaa mu. Ne nkyɛn mu na Hasabia, Keila abupɛn fa so safohene, miamiaa mu maa n’abupɛn.


Ne nkyɛn mu na Yesua ba Eser, Mispa safohene, miamiaa sin a ɛka ho no mu, kokoam amiade dan ntrapoe no ntentenso.


Ɔno so na Benyamin ne Hasub bɛtoae wɔn fi ntentenso. Ɔno so na Anania ba Maaseia ba Asaria bɛtoae ne fi ho.


Ɛnna ɔman no nyinaa kɔe kodidii na wɔnomee, na wɔde bi kyekyɛe, na wonyaa anigye kɛse pa ara, efisɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.


Na ɔkyerɛwfo Esra gyinaa ɛsɛ a wɔde dua ayɛ a ɛkorɔn a asɛm no nti, wɔyɛe no so. Na Matitia ne Sema ne Anaia ne Uria ne Hilkia ne Maaseia gyinagyina ne nkyɛn, ne nifa so, na ne benkum nso Pedaia ne Misael ne Malkiya ne Hasum ne Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.


Na Esra hyiraa AWURADE, Onyankopɔn kɛse no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! Na wɔmomaa wɔn nsa so; na wɔkotow sɔree AWURADE de wɔn anim butubutuw fam.


Na wɔkenkan Onyankopɔn mmara nhoma no fann, na wɔkyerɛɛ ase ma wɔtee ne kenkan no ase.


Na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn gyinabea, na wɔkenkan AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nhoma no mu adekyee mu nkyɛmu anan mu biako, na nkyɛmu anan mu biako nso wɔde kaa wɔn bɔne, na wɔkotow AWURADE wɔn Nyankopɔn.


Na Yesua ne Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifo sumpii no so, na wɔde nne kɛse teɛɛm frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.


na moakyerɛkyerɛ Israelfo ahyɛde a AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn nyinaa.


Na ɛsɛ sɛ asɔfo ano kora nimdeɛ, na wɔyɛ nhwɛso pa ma afoforo; mmara no nso wodi so, efisɛ asafo Awurade bɔfo ne mo.


Wɔde w’atemmude bɛkyerɛ Yakob, na wɔde wo mmara akyerɛ Israel; wɔde aduhuam betua wo hwene ano, na wɔde afɔre amuamu begu w’afɔremuka so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan