Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na Esra hyiraa AWURADE, Onyankopɔn kɛse no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! Na wɔmomaa wɔn nsa so; na wɔkotow sɔree AWURADE de wɔn anim butubutuw fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na Esra hyiraa AWURADE, Onyankopɔn kɛseɛ no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! Na wɔmemaa wɔn nsa so; na wɔkoto sɔree AWURADE de wɔn anim butubutuu fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na Ɛsra kamfoo Awurade, Otumfo Nyankopɔn, na ɔmanfo no bɔ gyee so se, “Amen! Amen!” bere a na wɔmemamema wɔn nsa so akyerɛɛ soro. Afei, wɔkotokotow, som Awurade a wɔn anim butubutuw fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Esra hyiraa AWURADE, Onyankopɔn kɛseɛ no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! Na wɔmemaa wɔn nsa so; na wɔkoto sɔree AWURADE de wɔn anim butubutuu fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na Ɛsra kamfoo Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, na ɔmanfoɔ no bɔ gyee so sɛ, “Amen! Amen!” wɔ ɛberɛ a wɔmemaa wɔn nsa so kyerɛɛ ɔsoro. Afei, wɔkotokotoeɛ, somm Awurade a wɔn anim butubutu fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na Esra hyiraa AWURADE, Onyankopɔn kɛse no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! Na wɔmomaa wɔn nsa so; na wɔkotow sɔree AWURADE de wɔn anim butubutuw fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:6
30 Iomraidhean Croise  

Na Abram ka kyerɛɛ Sodom hene no sɛ: Mema me nsa so mekyerɛ AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no,


Na ɔbarima no bɔɔ ne mu ase sɔree AWURADE,


Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa. Na ɔman no nyinaa kae sɛ Amen, yii AWURADE ayɛ.


Na Dawid hyiraa AWURADE, bagua no nyinaa anim, na Dawid kae sɛ: Nhyira ne wo, AWURADE, yɛn agya Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa.


Na Dawid ka kyerɛɛ bagua no nyinaa sɛ: Munhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na bagua no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkotow sɔree AWURADE ne ɔhene.


Ɛnna Yehosafat kotowee de n’anim butuw fam, na Yuda ne Yerusalemfo no nyinaa hwehwee fam AWURADE anim sɔree AWURADE.


Afei ɛwɔ me koma mu, sɛ me ne AWURADE, Israel Nyankopɔn no, bɛpam, na n’abufuhyew no afi yɛn ho akɔ.


Na ɔhene Hesekia ne mmapɔmma no ka kyerɛɛ Lewifo no sɛ wɔmfa Dawid ne ɔdehwɛfo Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigye yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Na ɔkae sɛ: Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama aba mu no sɛ:


Meporoporow me kokom nso na mekae sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn bɛporoporow onipa biara nipa a ɔmma asɛm yi ntim no afi ne fi ne ne dwuma mu, na sɛɛ na wɔbɛporoporow no na wayɛ ohunu. Na bagua no nyinaa kae sɛ: Amen. Na woyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so.


Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifo no maa ɔman no huu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinae.


Mommoma mo nsa so nkyerɛ kronkronbea hɔ, na munhyira AWURADE.


Ma me mpaebɔ mmesi w’anim sɛ ohuam, me nsa soma sɛ anwummere ayɛyɛde.


Sɛ misu mefrɛ wo, na mema me nsa so mekyerɛ wo tenabea kronkron hɔ a, tie me nkotɔsrɛ.


Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, efi teteete de rekɔ daa. Amen ne Amen.


Ne saa na mete ase yi mehyira wo, wo din mu na mɛma me nsa so.


Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛse ne ɔhenkɛse, anyame nyinaa so.


Monka sɛ: Ɛyɛ twam afɔre a yɛbɔ ma AWURADE a otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim, ɛda a ɔbobɔɔ Misraimfo na oyii yɛn afi fii mu no.


Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfo na wahu wɔn amanehunu no, wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.


na odiyifo Yeremia kae sɛ: Saa? AWURADE mma ɛnyɛ sa! AWURADE mma wo nsɛm a worehyɛ nkɔm sɛ wɔde AWURADE fi nneɛma ne atukɔfo nyinaa befi Babel asan aba ɛha yi no mmra mu.


Momma yɛmmoma yɛn koma ne yɛn nsa so nkyerɛ Onyankopɔn ɔsoro.


Na ogya fii AWURADE anim bɛhyew afɔremuka no so ɔhyew afɔre ne srade no. Na ɔman no nyinaa hui, na wɔde anigye huroe, na wɔde wɔn anim butubutuw fam.


Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kobutuw fam bɔɔ mpae sɛ: M’agya, sɛ ebetumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu. [Na wo na ahenni ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Na sɛ wode honhom hyira a, ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔnte ase no begye w’aseda no so sɛ Amen, bere a onnim nea woreka?


Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn ɔsoro hɔnom Kristo mu,


Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpae wɔ mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho tew so a abufuw anaa akyinnye mma mu.


Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu,


Na abɔfo no nyinaa atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuw fam, ahengua no anim, na wɔkotow Nyankopɔn


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan