Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔsɔfo Esra de mmara no baa bagua a mmarima ne mmea ne obiara a obetumi atie ate ase no wɔ mu no anim, ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Ɔsɔfoɔ Esra de mmara no baa badwa a mmarima ne mmaa ne obiara a ɔbɛtumi atie ate aseɛ no wɔ mu no anim, bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Enti ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so awotwe no, ɔsɔfo Ɛsra de krataa mmobɔwee a mmara no wɔ mu no baa bagua a mmarima ne mmea ne wɔn a wotumi te asɛm ase no nyinaa no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Ɔsɔfoɔ Esra de mmara no baa badwa a mmarima ne mmaa ne obiara a ɔbɛtumi atie ate aseɛ no wɔ mu no anim, bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Enti, bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔsɔfoɔ Ɛsra de krataa mmobɔeɛ a mmara no wɔ mu no baa badwa no a mmarima ne mmaa ne mmɔfra a wɔanyini te asɛm ase no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔsɔfo Esra de mmara no baa bagua a mmarima ne mmea ne obiara a obetumi atie ate ase no wɔ mu no anim, ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:2
14 Iomraidhean Croise  

wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wobedi Onyankopɔn mmara a wɔnam Onyankopɔn akoa Mose so hyɛe no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’ahyɛde nyinaa;


Ɛbere no ara mu na wɔkenkan Mose nhoma no, ɔman no asom, na wohui sɛ wɔakyerɛw mu sɛ, Amonni ne Moabni mmma Onyankopɔn bagua mu da biara da,


Nso wɔkenkan Onyankopɔn mmara nhoma no mu daa, fi da a edi kan no ara de besii da a edi akyiri no. Na wodii nnapɔnna nnansɔn, na ɛda a ɛto so awotwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiam, sɛ ne yɛbea te no.


Na Nehemia a ɔne amrado no ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, ne Lewifo a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Munnni nkɔmmɔ, na munnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu.


Na ɔsram yi da a ɛto so aduonu anan no, Israelfo no boaa wɔn ho ano hyiae mmuadadi ne ayitam mu, na wɔtwitwaa ntwoma.


Ɛhena na ɔbɛkyerɛ no nimdeɛ, na hena nso na ɔbɛma wate asɛnka no ase? Wɔn a wɔatwa wɔn nufu, wɔn a wɔatew wɔn afi mpokua ano?


Kasa kyerɛ Israelfo sɛ ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan nyɛ mo homeda, torobɛntohyɛn nkae, nhyia kronkron;


Na ɛsɛ sɛ asɔfo ano kora nimdeɛ, na wɔyɛ nhwɛso pa ma afoforo; mmara no nso wodi so, efisɛ asafo Awurade bɔfo ne mo.


Na ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan no, munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; ɔnyɛ mo torobɛntohyɛn da.


Na efi tete no na Mose wɔ wɔn a wɔka n’asɛm nkurow nyinaa mu, na wɔkenkan no hyia adan mu daa homeda.


Na sɛ ɔte n’ahenni agua so a, ɔnhwɛ mmara yi nhoma a ɛda asɔfo ne Lewifo anim no so nkyerɛw bi mfa;


Nea Mose hyɛɛ no nyinaa mu asɛm biara nni hɔ a, Yosua ankenkan Israel guabɔ nyinaa, ne mmea, mmofra ne ɔhɔho a, ɔnam wɔn mu no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan