Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Nso wɔkenkan Onyankopɔn mmara nhoma no mu daa, fi da a edi kan no ara de besii da a edi akyiri no. Na wodii nnapɔnna nnansɔn, na ɛda a ɛto so awotwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiam, sɛ ne yɛbea te no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Nso wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no mu daa, firii da a ɛdi kan no so ara de bɛsii da a ɛdi akyire no so. Na wɔdii nnapɔnna nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛsra de nnanson kenkan Onyankopɔn mmara nhoma no wɔ afahyɛ no ase da biara, efi da a edi kan de kosi da a etwa to. Afei, Tisri ɔsram (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu, sɛnea Mose mmara no kyerɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

18 Nso wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no mu daa, firii da a ɛdi kan no so ara de bɛsii da a ɛdi akyire no so. Na wɔdii nnapɔnna nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛsra kenkan firii Onyankopɔn mmara nwoma no mu wɔ afahyɛ no mu nnanson no mu da biara. Afei, Tisri bosome (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu anibereɛ so, sɛdeɛ Mose mmara hwehwɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Nso wɔkenkan Onyankopɔn mmara nhoma no mu daa, fi da a edi kan no ara de besii da a edi akyiri no. Na wodii nnapɔnna nnansɔn, na ɛda a ɛto so awotwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiam, sɛ ne yɛbea te no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:18
7 Iomraidhean Croise  

Na ɔsɔfo Esra de mmara no baa bagua a mmarima ne mmea ne obiara a obetumi atie ate ase no wɔ mu no anim, ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan.


Na ɔkenkanee wɔ mprae a ɛwɔ nsu pon anim no so fi anɔpa kosii owigyinae, mmarima ne mmea ne wɔn a wobetumi ate ase no anim; na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee mmara nhoma no mu nsɛm no.


Nnansɔn na momfa ogya afɔre mmrɛ AWURADE; da a ɛto so awotwe no nyɛ mo nhyia kronkron, na momfa ogya afɔre mmrɛ AWURADE; ɛyɛ afahyɛ awiei, monnyɛ adwumaden biara.


Na momfa nni nnapɔnna mma AWURADE, nnansɔn daa afe; ɛyɛ daa ahyɛde ma mo awo ntoatoaso; ɔsram a ɛto so ason no mu na munni nnapɔnna yi.


Ɛda a ɛto so awotwe no, munhyia afahyɛ nhyiam; monnyɛ adwuma den biara;


Na da a edi akyiri a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛse no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteɛɛm sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn menom nsu


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan