Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Ɛnna ɔman no fii adi kɔfa bae, na wɔbobɔɔ asese, obiara ne dan atifi ne n’adiwo, ne Onyankopɔn fi abangua no so, ne nsu pon no ho mprae so ne Efraim pon no ho mprae so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Ɛnna ɔman no firii adi kɔfa baeɛ, na wɔbobɔɔ asese fae, obiara wɔ ne dan atifi ne n’adihɔ, ne Nyankopɔn fie abannwa so, ne Nsuo Pono no ho mpraeɛ so ne Efraim Pono no ho mpraeɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Enti nnipa no kotwitwaa nnua mman, na wɔde sisii asese wɔ wɔn afi, wɔn adiwo, Onyankopɔn asɔredan adiwo anaa aguabɔbea a ɛwowɔ Asuten Pon no ne Efraim Pon no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Ɛnna ɔman no firii adi kɔfa baeɛ, na wɔbobɔɔ asese fae, obiara wɔ ne dan atifi ne n’adihɔ, ne Nyankopɔn fie abannwa so, ne Nsuo Pono no ho mpraeɛ so ne Efraim Pono no ho mpraeɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Enti, nnipa no kɔtwitwaa mman, na wɔde sisii asese wɔ wɔn afie, wɔn adihɔ, Onyankopɔn asɔredan adihɔ anaa adwaberem a ɛwowɔ asutene apono no ne Efraim apono no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Ɛnna ɔman no fii adi kɔfa bae, na wɔbobɔɔ asese, obiara ne dan atifi ne n’adiwo, ne Onyankopɔn fi abangua no so, ne nsu pon no ho mprae so ne Efraim pon no ho mprae so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:16
12 Iomraidhean Croise  

Na ɛbae sɛ da bi anwummere a Dawid asɔre afi ne nnae so na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ofi ɔdan no atifi hɔ huu ɔbea bi sɛ ɔreguare na ɔbea no, wohwɛ no a, ne ho yɛ fɛ sɛ.


Na Israel hene Yoas kyeree Yuda hene Amasia, Ahasia ba Yoas ba, wɔ Bet-semes; na ɔbaa Yerusalem beburuw Yerusalem fasu fi Efraim pon no ho de kosii twea pon no ho basafa ahannan;


Na Yehosafat sɔre gyinaa Yuda ne Yerusalem bagua no mu AWURADE fi abangua foforo no anim,


Na osisii afɔremuka momaa ɔsoro asafo nyinaa, AWURADE fi abangua abien no so.


Na nsuaniwa pon no so ne wɔn ntentenso no, wɔforoo Dawid kurow aforoe no, ɔfasu no aforoe no so, Dawid fi no atifi fam de kosii Nsu Pono no ano apuei.


de kɔfaa Efraim Pono ne Ɔpon Dedaw ne Mpataa Pono ne Hananeel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kosii Nguan Pon no ano, na wokogyinaa Nneduadan Pon no ano.


Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kosii nsu pon no ntentenso apuei ne abantenten a efi adi no fam.


Na ɔsram a ɛto so ason no dui, na Israelfo no wowɔ wɔn nkurow mu no, ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano hyiae sɛ onipa biako kɔɔ mprae a ɛwɔ nsu pon no anim no so, na wɔka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Esra sɛ, ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nhoma mmra.


Na ɔkenkanee wɔ mprae a ɛwɔ nsu pon anim no so fi anɔpa kosii owigyinae, mmarima ne mmea ne wɔn a wobetumi ate ase no anim; na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee mmara nhoma no mu nsɛm no.


Na Yerusalem afi ne Yuda ahene afi no ho begu fi sɛ Tofet hɔ, adan a wɔahyehyew atifi aduhuam ama ɔsoro asafo nyinaa no nyinaa, na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforo no.


na Kaldeafo a wɔne kurow yi ko no bɛba abɛto kurow yi mu gya, na wɔahyew ɛno ne adan a wɔahyew atifi aduhuam ama Baal na wɔahwie ahwiesa ama anyame afoforo, sɛ wɔde rehuru me bo no.


Sɛ wusi dan foforo a, gye wo dan no atifi ban, na obi amfi hɔ anhwe ase, na woamfa mogya ho asodi amma wo dan no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan