Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:15 - KYERƐW KRONKRON

15 ne sɛ wɔmma wɔnte na wɔmpae nkyin wɔn nkurow nyinaa mu ne Yerusalem sɛ: Mumfi adi nkɔ bepɔw so nkɔfa ngodua abaa ne kranku abaa ne ohuannua abaa ne berɛw ne nnua kusukusuu abaa, na momfa mmɛbobɔ asese sɛ wɔakyerɛw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 ne sɛ wɔmma wɔnte na wɔmpae nkyini wɔn nkuro nyinaa mu ne Yerusalem sɛ: Momfiri adi nkɔ mmepɔ so nkɔfa ngodua mman ne kranku mman ne ohwannua mman ne berɛ ne nnua kusukusuu mman, na momfa mmɛbobɔ asese sɛdeɛ wɔatwerɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Waka se, ɛsɛ sɛ wɔbɔ ɔhyɛ no ho dawuru wɔ wɔn nkurow nyinaa so, ne titirw no, Yerusalem nam so aka akyerɛ ɔmanfo no se, wɔnkɔ nkoko so nkɔhwehwɛ ngodua mman, kranku mman, ohuamnnua mman, bere ne nnua kusukusuu mman, na wɔmfa mmɛbobɔ asese ntena mu, sɛnea wɔakyerɛw no mmara no mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

15 ne sɛ wɔmma wɔnte na wɔmpae nkyini wɔn nkuro nyinaa mu ne Yerusalem sɛ: Momfiri adi nkɔ mmepɔ so nkɔfa ngodua mman ne kranku mman ne ohwannua mman ne berɛ ne nnua kusukusuu mman, na momfa mmɛbobɔ asese sɛdeɛ wɔatwerɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Waka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔbɔ nhyɛ no ho dawuro wɔ wɔn nkuro nyinaa so, ne titire no, Yerusalem nam so aka akyerɛ ɔmanfoɔ no sɛ, wɔnkɔ nkokoɔ so nkɔpɛ ngo dua mman, kranku mman, ohwannua mman, ɛberɛ ne nnua kusukusuu mman, na wɔmfa mmɛbobɔ asese ntena mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 ne sɛ wɔmma wɔnte na wɔmpae nkyin wɔn nkurow nyinaa mu ne Yerusalem sɛ: Mumfi adi nkɔ bepɔw so nkɔfa ngodua abaa ne kranku abaa ne ohuannua abaa ne berɛw ne nnua kusukusuu abaa, na momfa mmɛbobɔ asese sɛ wɔakyerɛw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:15
9 Iomraidhean Croise  

Na aborɔnoma no baa ne nkyɛn anwummere, na hwɛ, ngodua ahaban frɔmfrɔm tua n'ano; na Noa hui sɛ nsu no ayow asase so.


Eyinom ne AWURADE afahyɛ, nhyia kronkron a mompae ne mmere mu no:


Na ɛda a edi kan no momfa nnua afɛfɛ so ade, berɛw ne nnua kusuu abaa ne nsukɔn so nnua, na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim nnansɔn.


Mihui anadwo, na hwɛ, ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ogyina ohuannua a ɛwɔ obon mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne fitaa gyinagyina n’akyi. Na mibisaa sɛ: Me wura, eyinom yɛ dɛn?


Na wɔbɛn Yerusalem na woduu Betfage, Ngo Bepɔw ho no, Yesu somaa asuafo baanu,


wɔfofaa berɛw, na wofii adi sɛ wɔrekohyia no, na wɔteɛteɛɛm sɛ: Hosiana! Nhyira ne nea ɔreba Awurade din mu no, Israel hene no!


Afirihyia biako mu mpɛn abiɛsa na wo mmarima nyinaa mmeyi wɔn ho adi AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ: Apiti nnapɔnna, adapɛn dapɔnna ne asese nnapɔnna mu; na wɔmmfa nsapan mmmeyi wɔn ho adi, AWURADE anim;


Eyinom akyi no mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmuasuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan