Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna ɔman no nyinaa kɔe kodidii na wɔnomee, na wɔde bi kyekyɛe, na wonyaa anigye kɛse pa ara, efisɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɛnna ɔman no nyinaa kɔ kɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, na wɔde bi kyekyɛe, na wɔnyaa anigyeɛ kɛseɛ pa ara, ɛfiri sɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na nnipa no kodidii, kyɛɛ nnuan, nomee, dii dapɔnna no anigye so, efisɛ wɔtee Onyankopɔn nsɛm no, tee ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛnna ɔman no nyinaa kɔ kɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, na wɔde bi kyekyɛe, na wɔnyaa anigyeɛ kɛseɛ pa ara, ɛfiri sɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na nnipa no kɔdidiiɛ, kyɛɛ nnuane, nomeeɛ, dii dapɔnna no anigyeɛ so, ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm, tee aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna ɔman no nyinaa kɔe kodidii na wɔnomee, na wɔde bi kyekyɛe, na wonyaa anigye kɛse pa ara, efisɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:12
25 Iomraidhean Croise  

Na wɔde anigye kɛse didi nomee, AWURADE anim da no. Na wosii Dawid ba Solomon hene ne mprenu so, na wɔsraa no ngo maa AWURADE sɛ bapɔmma, ne Sadok nso sɛ ɔsɔfo.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkodi sradenam na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa ebi nkɔma wɔn a wonsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnhow mo ho, na AWURADE anika ne mo ahoɔden.


Na Lewifo no maa ɔman no nyinaa yɛɛ komm sɛ: Monyɛ dinn, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron, na mommma mo werɛ nnhow mo ho.


Na ɛda a ɛto so abien no, ɔman no nyinaa mu agyanom atitiriw ne asɔfo ne Lewifo no boaboaa wɔn ho ano behyiaa ɔkyerɛwfo Esra nkyɛn, sɛ wɔrebetie mmara nsɛm no.


sɛ nna a Yudafo nyaa mu home fii wɔn atamfo nsam, ne ɔsram a ɛdan wɔn fii awerɛhow mu kɔɔ anigye mu na efii nkɔmmɔdi mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontow ne anigye ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafo adekyɛ nna.


N’anom mmara, mamfi ho, makora n’anom nsɛm sen nea ehia me.


Mafa w’adansesɛm mayɛ m’agyapade daa, na ɛno na ɛma me koma ani gye.


Enti medɔ wo mmara nsɛm sen sika kɔkɔɔ ne amapa.


Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwasea hu nyansa.


W’adansesɛm kwan mu na m’ani gye, sɛnea egye ahonyade bi ho.


W’ahyɛde ho na me ho sɛpɛw me, me werɛ remfi wo nsɛm.


M’ano bɛworo w’ayeyi, sɛ wokyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.


Mefe wo nkwagye, AWURADE, na wo mmara ne m’adɔde.


W’anom mmara ye ma me sen sika ne dwetɛ mpem.


Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.


Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ m’aduan, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛw ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, AWURADE, asafo Nyankopɔn.


Ɛnna wosisee wɔn ho sɛ: Ɔne yɛn rekasa ɔkwan mu na obuee kyerɛw nsɛm no mu kyerɛɛ yɛn no, so yɛn akoma mu anyɛ yɛn dɛdɛɛdɛ anaa?


Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, efisɛ papa ho pɛ de, ɛwɔ me mu, na mmom sɛnea mɛyɛ no de, mentumi.


Na wɔn a wɔtete asase so ani begye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yam, na wɔamenamena wɔn ho ade, efisɛ adiyifo baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan