Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkodi sradenam na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa ebi nkɔma wɔn a wonsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnhow mo ho, na AWURADE anika ne mo ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔdi sradenam na monnom nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ, na momfa ebi nkɔma wɔn a wɔnsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE anigyeɛ ne mo ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na Nehemia toaa so sɛ, “Momfa nnuan pa ne anonne a ɛyɛ dɛ nkodi afahyɛ no na mo ne wɔn a wonni nnuan pa a wɔanoa no nnidi. Nnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade anim. Munnni abooboo ne awerɛhow, na Awurade mu anigye no yɛ ahoɔden.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔdi sradenam na monnom nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ, na momfa ebi nkɔma wɔn a wɔnsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE anigyeɛ ne mo ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Na Nehemia toaa so sɛ, “Momfa nnuane pa ne anonneɛ a ɛyɛ dɛ nkɔdi afahyɛ no na mo ne wɔn a wɔnni nnuane pa a wɔanoa no nnidi. Ɛnnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade anim. Monnni abooboo ne awerɛhoɔ, na Awurade mu anigyeɛ no yɛ ahoɔden.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkodi sradenam na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa ebi nkɔma wɔn a wonsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnhow mo ho, na AWURADE anika ne mo ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:10
32 Iomraidhean Croise  

Da a ɛto so awotwe no, ogyaa ɔman no kwan ma wɔkɔe; na wohyirahyiraa ɔhene, na wɔde papa a AWURADE ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel no nyinaa ho anigye ne koma pa sii mu kokɔɔ wɔn afi mu.


Nidi ne anuonyam wɔ n’anim, tumi ne anika wɔ ne tenabea.


Na Lewifo no maa ɔman no nyinaa yɛɛ komm sɛ: Monyɛ dinn, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron, na mommma mo werɛ nnhow mo ho.


Ɛnna ɔman no nyinaa kɔe kodidii na wɔnomee, na wɔde bi kyekyɛe, na wonyaa anigye kɛse pa ara, efisɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.


Enti Yudafo a wɔwɔ nkuraa ase a wɔtete nkurow a ɛho nni afasu mu no de ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] da a ɛto so dunan no yɛ apontow ne anigye da ne dapa a wɔde nneɛma mema wɔn ho.


sɛ nna a Yudafo nyaa mu home fii wɔn atamfo nsam, ne ɔsram a ɛdan wɔn fii awerɛhow mu kɔɔ anigye mu na efii nkɔmmɔdi mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontow ne anigye ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafo adekyɛ nna.


Ma Israel ani nnye ne yɛfo ho, ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurusi.


Na wɔn ahoɔden ahyehyɛde ne wo, na wo dom mu na wɔama yɛn abɛn so.


Anigye koma yɛ aduru pa, na honhom a abotow yow nnompe mu.


Kyɛ mu ma nnipa baasɔn anaa baawɔtwe mpo, na wunnim bɔne ko a ɛbɛba asase so.


Biribi pa bi nna hɔ mma onipa sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa ne brɛ no mu; eyi nso mahu sɛ Onyankopɔn nsam na efi;


nanso sɛ onipa biara didi nom hu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Onyankopɔn akyɛde ne no.


Hwɛ, nea mahu sɛ eye ne sɛ, ɛyɛ fɛ sɛ obi didi na ɔnom na ohu papa ne brɛ a ɔbrɛ owia ase no nyinaa mu, ne nkwa nna dodow a Onyankopɔn de ma no; ne ne de.


Kɔ na fa anigye kodi w’aduan, na fa koma pa nom wo nsa, na Onyankopɔn ani asɔ wo nneyɛe dedaw.


Maba me turo mu, me nua, ayeforo, meretetew me kurobow ne m’aduhuam, meredi me wokyɛm ne me wo, merenom me nsa ne me nufusu. Nnamfonom, munnidi, adɔfonom, monnom na mommee.


Na afei AWURADE se, nea ɔnwenee me fii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa, na mensan Yakob memmra ne nkyɛn, na memmoa Israel ano memmrɛ no no, efisɛ m’anim aba nyam, AWURADE anim, na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden,


AWURADE mu na me ho sɛpɛw me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi, efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me, ɔde trenee batakari asi me, sɛ ayeforokunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotiri, ne ayeforo a ɔde ne nnwinne hyehyɛ ne ho.


Na mo, Sion mma, munni ahurusi na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn ho, na ɔma mo asusow sɛ ɛfata, na ɔma osu tɔ ma mo, asusow ne adonsu, kan ansa.


na Yerusalem ne Yuda nkutu nyinaa bɛyɛ kronkron ama asafo AWURADE, na wɔn a wɔbɔ afɔre nyinaa bɛba abɛfa emu bi akɔnoa mu nam; na Kanaanni biara rentena asafo AWURADE no fi bio ɛda no.


Na hwɛ, nea ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔe; ɛno na ne nyinaa ho befi ama mo.


efisɛ wɔn ahohiahia sɔhwɛ kɛse mu no, wɔn anigye buu so maa wɔn wɔ wɔn hia bebrebe mu mpo, woyii wɔn ayamye kɛse adi kyerɛe,


Ɛwom sɛ anka me nso mewɔ ɔhonam mu biribi a mede me ho mɛto so. Sɛ ɔfoforo bi susuw sɛ ɔwɔ ɔhonam mu biribi a ɔde ne ho bɛto so a, me mmom na mewɔ bi.


Na wɔn a wɔtete asase so ani begye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yam, na wɔamenamena wɔn ho ade, efisɛ adiyifo baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase so.


bisabisa wo mmerante no na wɔbɛka akyerɛ wo; enti ma mmerante no nnya w’anim anuonyam, na afahyɛ da na yɛaba yi, fa nea ɛtɔ wo nsam ma wo nkoa ne wo ba Dawid ɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan