Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsram a ɛto so ason no dui, na Israelfo no wowɔ wɔn nkurow mu no, ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano hyiae sɛ onipa biako kɔɔ mprae a ɛwɔ nsu pon no anim no so, na wɔka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Esra sɛ, ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nhoma mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ, na Israelfoɔ no wowɔ wɔn nkuro mu no. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano, hyiaa sɛ onipa baako wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono no anim no so, na wɔka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Esra sɛ ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nwoma mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 ɔmanfo no nyinaa hyiaa wɔ wɔn Asuten Pon no ano. Ɔmanfo no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no se ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ sɛ Israelfo nni so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ, na Israelfoɔ no wowɔ wɔn nkuro mu no. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano, hyiaa sɛ onipa baako wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono no anim no so, na wɔka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Esra sɛ ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nwoma mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 ɔmanfoɔ no nyinaa hyiaa wɔ wɔn nsuseneeɛ ɛpono no ano. Ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni sɛ ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ sɛ Israelfoɔ nni so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsram a ɛto so ason no dui, na Israelfo no wowɔ wɔn nkurow mu no, ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano hyiae sɛ onipa biako kɔɔ mprae a ɛwɔ nsu pon no anim no so, na wɔka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Esra sɛ, ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nhoma mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:1
25 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene foro kɔɔ AWURADE fi, na Yuda mmarima nyinaa ne Yerusalemfo nyinaa ne asɔfo ne adiyifo ne ɔman mu no nyinaa, efi nketewa so kosi akɛse so, ka ne ho. Na ɔkenkan apam nhoma a wohuu AWURADE fi no mu nsɛm no nyinaa guu wɔn nyinaa asom.


Na Hilkia ka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Safan sɛ: Mmara nhoma no na mahu AWURADE fi yi. Na Hilkia de nhoma no maa Safan.


Na ɔhene no foro kɔɔ AWURADE fi, na Yuda mmarima ne Yerusalemfo nyinaa ka ne ho, ne asɔfo ne Lewifo ne ɔman no nyinaa, efi ɔkɛse so de kosi akumaa so, na ɔkenkan apam nhoma a wohui AWURADE fi no mu nsɛm nyinaa guu wɔn asom.


Na nsɛm yi akyi no, Persia hene Artasasta ahenni mu no, Esra a ɔyɛ Seraia ba, na ɔyɛ Asaria nana ne Hilkia nanankanso


Na Esra asiesie ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ AWURADE mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛde ne atemmude wɔ Israel.


Na nhoma a ɔhene Artasasta de maa ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo a ɔkyerɛw AWURADE mmara nsɛm ne n’ahyɛde a ɔde hyehyɛɛ Israel no mu nsɛm no, ne nsusuwso ni:


ɔno Esra no foro fi Babel bae, nso ɔyɛ ɔkyerɛwfo a wakwadaw Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de mae no mu. Ɔno na ɔhene de nea obisae nyinaa maa no, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nsa wɔ no so.


Eyinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yehoiakim bere so, ne amrado Nehemia ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, bere so.


Na nsuaniwa pon no so ne wɔn ntentenso no, wɔforoo Dawid kurow aforoe no, ɔfasu no aforoe no so, Dawid fi no atifi fam de kosii Nsu Pono no ano apuei.


Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kosii nsu pon no ntentenso apuei ne abantenten a efi adi no fam.


Ɛnna ɔman no fii adi kɔfa bae, na wɔbobɔɔ asese, obiara ne dan atifi ne n’adiwo, ne Onyankopɔn fi abangua no so, ne nsu pon no ho mprae so ne Efraim pon no ho mprae so.


Na ɔkenkanee wɔ mprae a ɛwɔ nsu pon anim no so fi anɔpa kosii owigyinae, mmarima ne mmea ne wɔn a wobetumi ate ase no anim; na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee mmara nhoma no mu nsɛm no.


Wonni mmara ne adanse no akyi! Sɛ wɔanka no sɛnea asɛm yi te a, ɛnne ade renkye wɔn.


Na wɔde nea Mose hyɛe no baa ahyiae ntamadan no anim, na asafo no nyinaa twiw bae begyinaa AWURADE anim.


Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛde ne atemmude no.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi nti ɔkyerɛwfo biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahenni no te sɛ ofiwura bi a ofi n’ademude mu yi nneɛma afoforo ne adedaw adi.


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


sɛ: Mose akongua so na Kyerɛwfo ne Farisifo atena.


Hwɛ, eyi nti na meresoma adiyifo ne anyansafo ne Kyerɛwfo aba mo nkyɛn, na mubekum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu na moaka wɔn mu binom mpire mo hyiadan mu, na moataa wɔn afi kurow mu akɔ kurow mu;


a Israel nyinaa aba rebepue AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ no, kenkan mmara yi, Israel nyinaa anim gu wɔn asom.


Ɛnna Israelfo nyinaa tui, na asafo no ano behyiae sɛ onipa biako, efi Dan kosi Beer-seba, ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa, AWURADE nkyɛn.


Na ɔman no nyinaa sɔre gyinae sɛ ɔbarima biako kae sɛ: Yɛn mu biara renkɔ ne ntamadan mu, na yɛn mu biara remman ne fi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan