Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 7:72 - KYERƐW KRONKRON

72 Na nea ɔman no nkae no mae ne sika nsuruboaa ɔpeduonu ne dwetɛ mmɛnnaa mpennu ne asɔfotade aduosia asɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

72 Deɛ ɔman no nkaeɛ no maeɛ ne sika nsuruboaa mpemaduonu ne dwetɛ mmɛnaa mpennu ne asɔfotadeɛ aduosia nson.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

72 Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu ne dwetɛ bɛyɛ pɔn mpenu ne ahannum ne asɔfotade aduosia ason (67).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

72 Deɛ ɔman no nkaeɛ no maeɛ ne sika nsuruboaa mpemaduonu ne dwetɛ mmɛnaa mpennu ne asɔfotadeɛ aduosia nson.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

72 Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu ne dwetɛ bɛyɛ kilogram mpem ne ahanu ne asɔfotadeɛ aduosia nson (67).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

72 Na nea ɔman no nkae no mae ne sika nsuruboaa ɔpeduonu ne dwetɛ mmɛnnaa mpennu ne asɔfotade aduosia asɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 7:72
5 Iomraidhean Croise  

Na ɔsɔfo Hilkia ne Ahikam ne Akbor ne Safan ne Asaia kɔɔ odiyifo bea Hulda a ɔyɛ Harhas ba Tikwa ba Salum, ntade sohwɛfo no, yere nkyɛn, nso na ɔte Yerusalem: Ɔfa a ɛto so abien mu, na wɔne no kasae.


Na ɔsram a ɛto so ason dui no, na Israelfo no tete wɔn nkurow no mu, na ɔman no boaboaa wɔn ho ano yɛɛ biako baa Yerusalem.


Na ɔman no nkae, asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, nsɔfokwaa ne wɔn a wɔtew wɔn ho fii nsaase so aman ho baa Onyankopɔn mmara ho no, wɔn yerenom, wɔn mmammarima ne wɔn mmabea, animdefo ne nhumufo nyinaa,


Na agyanom atitiriw no mu binom maa adwuma no ho akorade sika nsuruboaa ɔpeduonu, ne dwetɛ mmɛnnaa mpennu ahanu.


Na asɔfo ne Lewifo ne aponanohwɛfo ne nnwontofo no ne ɔman no mu bi ne nsɔfokwaa no ne Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkurow mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan