Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 7:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa efisɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafo a osuro Onyankopɔn sen nnipa pii,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafoɔ a ɔsuro Onyankopɔn sene nnipa bebree,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafoɔ a ɔsuro Onyankopɔn sene nnipa bebree,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Meyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa efisɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafo a osuro Onyankopɔn sen nnipa pii,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 7:2
21 Iomraidhean Croise  

Na da a ɛto so abiɛsa no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ eyi, na montena ase, na me de, misuro Onyankopɔn.


Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Nea odi nnipa so a ɔteɛ, nea odi so Onyankopɔn suro mu.


Na sɛ me de, mifi wo nkyɛn mekɔ a, AWURADE honhom bɛma wo so akɔ baabi a minnim, na sɛ meka mekyerɛ Ahab na wanhu wo a, obekum me. Na me, w’akoa de, mifi me mmofraase misuro AWURADE.


Na Ahab frɛɛ Obadia a odi ne fi so; nso Obadia de, osuro AWURADE sɛ;


Hanani, me nuanom mu biako, ne mmarima bi a wofi Yuda bae. Na mibisaa wɔn Yudafo a wofii mu a wɔkae nnommumfa no mu no ne Yerusalem ho asɛm.


Hosea, Hanania, Hasub,


Na misisii akorade no so ahwɛfo: Ɔsɔfo Selemia ne Ɔkyerɛwfo Sadok ne Pedaia a ofi Lewifo mu no; na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, efisɛ wobu wɔn nokwafo, na wɔn na wɔkyekyɛ nneɛma no ma wɔn nuanom no.


ne nhoma nso a mede mekɔma ɔhene kwaehwɛfo Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ ofi no ho no apon no mpuran, ne kurow no fasu no de, ne ofi a merekɔ mu no de no. Na me Nyankopɔn ayamye nsa a ɛwɔ me so no nti, ɔhene no maa me.


Na kan amradofo a wodii m’anim no yɛɛ ɔman no so duru, na wogyigyee wɔn hɔ aduan ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbona aduanan nsɔn. Wɔn asomfo nso homm ɔman no so. Na me de, Onyankopɔn ho suro nti manyɛ sa.


na misee wɔn sɛ: Mommma wonnhiɛ Yerusalem apon gye sɛ owia mu ayɛ den ansa. Na wɔda so gyina hɔ yi wɔnkeka apon no ntoto mu, na montoto akyiri. Na momfa Yerusalemfo awɛmfo nsisi hɔ, onipa biara nipa nnyina ne wɛn so ne ne fi ntentenso.


Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na odi mu, ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.


M’ani wɔ asase so nokwafo so, sɛ wɔmmɛtena me ho; nea ɔnam pɛyɛ kwan so no, ɔno na ɔmmɛsom me.


Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo na wɔnyɛ sikanibere, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanyin, ɔha ɔha so mpanyin, aduonum aduonum so mpanyin ne du du so mpanyin.


Ɛnna abirempɔn ne amantam ahene no hwehwɛe sɛ wobehu Daniel ho asɛm bi, ahenni no fam; nanso wɔannya asɛm anaa bɔne biara, efisɛ odi nokware, na wonhu ne ho mfomso anaa bɔne biara.


ɛnyɛ sɛ m'akoa Mose te ne no, Ɔno na mede me fi nyinaa ahyɛ ne nsa;


Na hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu?


Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi ade pii so; kɔ wo wura anigye mu!


Na afei, nea wɔhwehwɛ ofiehwɛfo hɔ ne sɛ obiara behu sɛ ɔyɛ ɔnokwafo.


Na nea wote fii m’anom, adansefo bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafo a wobetumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan