Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 6:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna mesoma mekɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɛnna mesoma maa wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Mibuae se, “Wunim sɛ woretwa atoro. Asɛm a woreka no, nokware baako koraa nni mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛnna mesoma maa wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Mebuaa sɛ, “Wonim sɛ woretwa atorɔ. Asɛm a woreka no, nokorɛ baako koraa nni mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna mesoma mekɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 6:8
12 Iomraidhean Croise  

Nanso woahyehyɛ adiyifo a wɔbɛpae wo ho asɛm Yerusalem se: Ɔhene bi wɔ Yuda. Na afei ɔhene bɛte asɛm yi. Na afei bra na yenhyia ntu agyina.


Na mo de, moyɛ atorofo, ayaresafo ahuhufo ne mo nyinaa.


N’anom nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa, wagyae nimdeɛ sua ne papayɛ.


Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me afiri, na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛe ho asɛm, na wodwen nnaadaasɛm da mu nyinaa.


Okontomponi, wo tɛkrɛma dwen mmusubɔ ho te sɛ oyiwan a ano yɛ hwetahweta.


Obiara nsamena asɛntrenee so, na obiara nni asɛm nokware so; wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuw; wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu.


Na ahene baanu no de, wɔn koma bedwen asɛmmɔne na wɔaka atosɛm, didipon biako ho; nanso ɛrenyɛ wɔn mfaso bi, efisɛ awiei no bɛba ara ɛbere a wɔahyɛ no mu.


Nhurutoa mma! Moyɛ abɔnefo yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.


Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.


Na Paulo kae sɛ: Kaesare asɛnni agua anim na migyina, na ɛha na ɛsɛ sɛ wobu me ntɛn, na Yudafo de, menyɛɛ wɔn bɔne bi ɛ, sɛnea wo nso wunim yiye.


Na ɔbae no, Yudafo a wofi Yerusalem bae no betwaa ne ho hyiae, na wɔkaa ne ho nsɛmmɔne pii a emu yɛ duru a wontumi nkyerɛ ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan