Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 6:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na wɔsoma baa me nkyɛn sɛɛ ara mpɛn anan, na mibuaa wɔn saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na wɔsoma maa wɔbaa me nkyɛn saa ara mprɛnnan, na mebuaa wɔn saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔmaa me saa nkra no mpɛn anan. Ne nyinaa mu no, memaa mmuae koro no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na wɔsoma maa wɔbaa me nkyɛn saa ara mprɛnnan, na mebuaa wɔn saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔtoo me saa nkra no mpɛn ɛnan. Ne nyinaa mu, memaa mmuaeɛ korɔ no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na wɔsoma baa me nkyɛn sɛɛ ara mpɛn anan, na mibuaa wɔn saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 6:4
10 Iomraidhean Croise  

Na mesomaa ɔbɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Adwuma kɛse na mereyɛ yi, na mintumi minsian memma. Ɛdɛn nti na adwuma no nna hɔ na minnyaw no hɔ nsian mmra mo nkyɛn?


Ɛnna Sanbalat somaa ne somfo baa me nkyɛn nea ɛto so anum, na nhoma a ano da hɔ kura ne nsam.


Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.


Ɔde brada pii too no, ɔde n’ano fremfrem nyaa no de no kɔe.


nanso okunafo yi haw me nti, mebu ntɛn mama no, na wamfa ne ba a ɔba daa no ammɛyeraw me ho.


Enti, me nuanom adɔfo, muntintim, munnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.


Wɔn de, yɛammrɛ yɛn ho ase amma wɔn kwan dɔnhwerew biako mpo, na asɛmpa no nokware no akɔ so atena mo mu.


Ɛnna Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Hwɛ, woasisi me, na woatwa me nkontompo. Afei mesrɛ wo, kyerɛ me nea wobetumi de akyere wo ɛ!


Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Ka kyerɛ me ɛ, dɛn mu na w’ahoɔden kɛse no wɔ, na ɛdɛn na wɔde bɛkyere wo abrɛ wo ase?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan