Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 6:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Sanbalat ne Gesem soma baa me nkyɛn sɛ: Bra ma yenhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetɛtrɛɛ no mu. Na wɔn de, bɔne na wɔredwen me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Sanbalat ne Gesem soma maa wɔbaa me nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetatraa no mu. Na wɔn deɛ, bɔne na wɔredwene no me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sanbalat ne Gesem de nkra brɛɛ me se, minhyia wɔn wɔ nkuraa no baako a ɛwɔ Ono tataw so hɔ. Nanso mihuu sɛ wɔrepam me ti so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Sanbalat ne Gesem soma maa wɔbaa me nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetatraa no mu. Na wɔn deɛ, bɔne na wɔredwene no me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Sanbalat ne Gesem de nkra brɛɛ me sɛ, menhyia wɔn nkuraa no baako a ɛwɔ Ono tata so. Nanso, mehunuu sɛ wɔrepam me tiri so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Sanbalat ne Gesem soma baa me nkyɛn sɛ: Bra ma yenhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetɛtrɛɛ no mu. Na wɔn de, bɔne na wɔredwen me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 6:2
15 Iomraidhean Croise  

Na Yoab ka kyerɛɛ Amasa sɛ: Me nua wo ho ye? Na Yoab nsa nifa kosoo Amasa bogyesɛ mu sɛ ɔrefew n’ano.


Na Abner san baa Hebron no, Yoab de no man kɔɔ kurow pon no mu, sɛ ɔne no kɔkasa brɛoo, ɛhɔ na ne nua Asahel mogya nti ɔkɔwɔɔ ne yafunum ma owui.


Na Elpaal mma ne: Eber ne Misam ne Semed a ɔkyekyee Ono ne Lod ne ɛho nkurowa,


Lod ne Ono, adwumfo bon mu.


Ɔno so na asɔfo no, Yordan nsunoafo no, bɛtoae miamiaa mu.


Na mesomaa ɔbɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Adwuma kɛse na mereyɛ yi, na mintumi minsian memma. Ɛdɛn nti na adwuma no nna hɔ na minnyaw no hɔ nsian mmra mo nkyɛn?


Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne koma nta na wɔde kasa.


Ɔbɔnefo susuw ɔtreneeni ho asɛm, na ɔtwɛre ne se gu no so:


Ɔbɔnefo tɛw ɔtreneeni, na ɔhwehwɛ no akum no.


Na mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.


Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔre de nkrante bobɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi asase no so panyin no kum no.


Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔate wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anom adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredi; wɔn koma di wɔn mfaso akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan