Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 6:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na yɛn atamfo nyinaa tee no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no surosuroe, na wɔtɔɔ mu wɔn ani so sɛ, na wohui sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wofi bɛyɛɛ adwuma yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na yɛn atamfoɔ nyinaa teeɛ no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no suroe, na wɔtɔɔ sini wɔn ani so sɛ, na wɔhunuu sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wɔfiri bɛyɛɛ adwuma yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Bere a yɛn atamfo ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia tee no, wosuroe, na ɛma wɔbotowee. Wohuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Na yɛn atamfoɔ nyinaa teeɛ no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no suroe, na wɔtɔɔ sini wɔn ani so sɛ, na wɔhunuu sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wɔfiri bɛyɛɛ adwuma yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia teeɛ no, wɔsuroeɛ, na ɛma wɔbotoeɛ. Wɔhunuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na yɛn atamfo nyinaa tee no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no surosuroe, na wɔtɔɔ mu wɔn ani so sɛ, na wohui sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wofi bɛyɛɛ adwuma yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 6:16
16 Iomraidhean Croise  

Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni bi, tee no, ɛyɛɛ wɔn yaw kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiyedi ama Israelfo.


Na Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasu no no, ne bo hurui na onyaa abufuw pii pa ara, na odii Yudafo no ho fɛw.


Na Sanbalat ne Tobia ne Arabiafo ne Amonfo ne Asdodfo no tee sɛ wɔatoatoa Yerusalem afasu no ahyia na wɔafi ase retuatua ntokuru no, wɔn bo fuwii sɛ,


Nso nna no mu no, Yuda mmakoma no mu pii menaa Tobia nhoma, na Tobia nso de baa wɔn nkyɛn,


na wonhu sɛ wo nsa ni, sɛ wo, AWURADE, na woyɛe.


Ɛno na ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma, na anigye dwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Ɛno na wɔkae, amanaman mu sɛ: AWURADE ayɛ ade kɛse ama wɔn.


Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa ani nwu, na wɔnsan wɔn akyi.


AWURADE na ɔkyekye Yerusalem, ɔpɔn Israelfo a wɔapete wɔn.


na ohunhuan wɔn nteaseɛnam anan maa ne nantew mu yɛɛ duru. Na Misraimfo no se: Momma yenguan wɔ Israel anim, efisɛ AWURADE reko tia Misraim ama wɔn.


Na [kurow no] bɛyɛ me ahosan din, ayeyi ne anuonyam, asase so amanaman a wɔbɛte yiye a mereyɛ wɔn no nyinaa no nyinaa mu, na wɔn koma betu, na wɔn ho apopo papa nyinaa ne asomdwoede nyinaa a mɛyɛ mama no no ho.


Ampa ara, adebisa nni Yakob mu, na nkɔmhyɛ nni Israel mu: Afei na wɔbɛka wɔ Yakob ne Israel ho sɛ: Dɛn na Onyankopɔn ayeyi!


Na afei de, mise mo sɛ: Munyi mo ho mfi nnipa yi ho, na munnyaa wɔn! Na sɛ ebia agyina yi anaa adwuma yi fi nnipa a, ɛbɛsɛe.


Na yɛate, na yɛn koma atu, na ɔhome bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam.


kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Minim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefo nyinaa koma tutu mo anim.


Na Amorifo ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔe fam no nyinaa ne Kanaan ahene a wɔwɔ po ano no nyinaa tee sɛ AWURADE ayow Yordan nsu Israelfo no anim akosi sɛ wotwae no, wɔn koma tui a ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfo no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan