Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 6:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Me Nyankopɔn, kae Tobia ne Sanbalat sɛ wɔn nnwuma yi te, ne odiyifobea Noadia nso ne adiyifo no a anka wɔrepɛ ayi me hu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Me Nyankopɔn, kae Tobia ne Sanbalat sɛdeɛ wɔn nnwuma yi teɛ, ne Odiyifoɔ baa Noadia nso ne adiyifoɔ no a anka wɔrepɛ ayi me hu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Me Nyankopɔn, kae bɔne a Tobia ne Sanbalat ayɛ no nyinaa. Na kae odiyifobea Noadia ne adiyifo a wɔte sɛ ɔno a wɔpɛe sɛ wohunahuna me no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

14 Me Nyankopɔn, kae Tobia ne Sanbalat sɛdeɛ wɔn nnwuma yi teɛ, ne Odiyifoɔ baa Noadia nso ne adiyifoɔ no a anka wɔrepɛ ayi me hu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ao me Onyankopɔn, kae bɔne a Tobia ne Sanbalat ayɛ no nyinaa. Na kae odiyifoɔ baa Noadia ne adiyifoɔ a wɔte sɛ ɔno a wɔpɛɛ sɛ wɔhunahuna me no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Me Nyankopɔn, kae Tobia ne Sanbalat sɛ wɔn nnwuma yi te, ne odiyifobea Noadia nso ne adiyifo no a anka wɔrepɛ ayi me hu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 6:14
26 Iomraidhean Croise  

Kae wɔn, me Nyankopɔn, sɛ wɔahura asɔfodi ho ne asɔfodi ne Lewifo apam no ho.


Me Nyankopɔn, kae ma me yiye so, nea ɔman yi nti meyɛe no nyinaa.


O, AWURADE, kae Yerusalem da no ma Edom mma, sɛ wosee sɛ: Munnwiriw, munnwiriw nkosi ne nhyɛase so!


Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me? Me su a misu mefrɛ wo ne me nkwagye ntam ware.


Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, mehwehwɛ wo anɔpahema, wo ho sukɔm de me kra, me honam agurow pɛ wo hɔ biribi, asase kesee a nsu nni so ma ɛtɔ piti so.


Na odiyifobea Miriam a ɔyɛ Aaron ne nua no faa mpintin kurae, na mmea no nyinaa de mpintin ne asaw fii dii n'akyi.


Ɛno nti sɛ AWURADE ka adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔm nanso ɛnyɛ me na mesomaa wɔn, na wɔn de, wɔka sɛ: Afoa ne ɔkɔm remma asase yi so, no ho ni: Afoa ne ɔkɔm ara na ɛbɛdwerɛw adiyifo no.


Sɛ mifi mekɔ wuram a, hwɛ mihu, afoa ano atɔfo; na sɛ meba kurow mu a, hwɛ, ɔkɔm ano atɔfo ni; na odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa kyinkyini asase no so, nso wonnim nea wɔrekɔ.


Na afe no ara mu, Yuda hene Sedekia ahenni mfiase, afe a ɛto so anan no, sram a ɛto so anum so, Asur ba odiyifo Hanania a ofi Gibeon no ka kyerɛɛ me AWURADE fi, asɔfo ne ɔman no nyinaa anim sɛ:


Ɛnna odiyifo Hanania yii kɔndua no fii odiyifo Yeremia kɔn so bubuu mu.


Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania sɛ: Hanania, tie ɛ, AWURADE nsomaa wo ɛ, na wo na woama ɔman yi de wɔn ho ato atoro so.


Na adiyifo atorofo bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree.


Na kristofo atorofo ne adiyifo atorofo bɛsɔre, na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, anka wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.


Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo.


Na sɛnea Yane ne Yambre ne Mose dii asi no, saa ara na eyinom nso ne nokware no di asi. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛe; wɔmfra wɔ gyidi fam.


Sɛ obi hu ne nua sɛ ɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu a, ɔmmɛsrɛ, na Onyankopɔn bɛma no nkwa de ama wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛkɔ owu mu; ɛno ho de, menka sɛ ommisa.


Na wɔkyeree aboa no ne diyifo atorofo no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnne de daadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no kaa ne ho. Wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan