Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 6:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na mekarii, na hwɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no, na nkɔm yi, ɔhyɛ tiaa me, na Tobia ne Sanbalat abɔ no paa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na mekarii, na hwɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no, na nkɔm a ɔhyɛ tiaa me yi, na Tobia ne Sanbalat na abɔ no paa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Mihuu sɛ Onyankopɔn nkasa nkyerɛɛ no, na ne nkɔm a ɔhyɛe no tia me, efisɛ Tobia ne Sanbalat abɔ no paa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na mekarii, na hwɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no, na nkɔm a ɔhyɛ tiaa me yi, na Tobia ne Sanbalat na abɔ no paa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Mehunuu sɛ Onyankopɔn nkasa nkyerɛɛ no, na ne nkɔm a ɔhyɛeɛ no tia me, ɛfiri sɛ, Tobia ne Sanbalat abɔ no paa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na mekarii, na hwɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no, na nkɔm yi, ɔhyɛ tiaa me, na Tobia ne Sanbalat abɔ no paa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 6:12
20 Iomraidhean Croise  

Na mise: So ɔbarima a ɔte sɛ me beguan? Na hena na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛn asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ.


Nea enti a wɔbɔɔ no paa ne sɛ, minsuro na menyɛ saa, na menyɛ bɔne, na wɔanya dimmɔne bi abɔ de asopa me.


Na akraman no yɛ adifudepɛfo sɛ, wonnim ɔmee. Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni nhumu, wɔn nyinaa adannan wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so, obiara hwehwɛ ne mfaso, wɔn ankasa mfaso, obiako ne obiara.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atoro na adiyifo no de hyɛ me din ho nkɔm; mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn na menkasa menkyerɛɛ wɔn ɛ; atoro anisoadehu ne nkɔmhyɛ ne asɛnhunu ne wɔn koma mu nnaadaa na wɔka kyerɛ mo yi.


Sɛ asafo AWURADE se ni: Munntie adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm no nsɛm, wɔde mo kɔ ahuhude mu. Wɔn komam adehu na wɔka, emfi AWURADE anom.


Mate nea adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔntoro no keka sɛ: Maso dae, maso dae! No.


Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania sɛ: Hanania, tie ɛ, AWURADE nsomaa wo ɛ, na wo na woama ɔman yi de wɔn ho ato atoro so.


Na muhura me ho, me man mu, atoko nsa amaama ne abodoo afono ma bi nti, sɛ mode atoro a mudi kyerɛ me man a wotie atoro no rekum akra a enni kum, na moregye akra a ɛnsɛ nkwa no nkwa.


Esiane sɛ mode atoro ma ɔtreneeni a me de, menhyɛɛ no awerɛhow no koma tutu, na mohyɛ ɔbɔnefo nsam den, sɛnea ɛbɛyɛ na wansan amfi ne kwammɔne so na wannya nkwa nti,


So ɛnyɛ ahuhude na muhu na atoro nkɔm na mohyɛ, sɛ moka sɛ: AWURADE asɛm ni, wɔ bere a menkasae ɛ?


Emu atitiriw gye ademmude bu atɛn, na emu asɔfo gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifo gye sika hyɛ nkɔm, nanso wotweri AWURADE ka sɛ: So ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntam yi? Bɔne bi remma yɛn so.


M’ani ammere obiara dwetɛ anaa sika anaa atade.


Obi nso wɔma no tumideyɛ; obi nso wɔma no nkɔmhyɛ. Obi nso wɔma no ahonhom ahorow mu nhumu; obi nso wɔma no ɔkasa ahorow, obi nso wɔma no ɔkasa ahorow nkyerɛase.


Na onipa a ɔwɔ honhom mu no de, obu ade nyinaa atɛn, na ɔno de, obi mmu no atɛn.


ɔnyɛ ɔsadweam, ɔnyɛ pupopupo, na mmom odwo, ɔnyɛ ntɔkwapɛfo, ɔnyɛ sikanibere;


Na nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ: Wonni ne ho asɛm bi ka, sɛ Onyankopɔn fiehwɛfo. Ɔnyɛ ɔhopɛfo, obufufafo, ɔsadweam, pupopupo, anaa odifudepɛfo,


Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ mu, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti;


Na wɔnam anibere so de asisisɛm bɛpɛ mo ho mfaso. Wɔn na efi tete wɔn atemmu ntwentwɛn ase, na wɔn sɛe ntɔ nko.


Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa; efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.


pɛprɛ, mmurongo, nnuru huamhuam, kurobow, huamfufu, nsa, ngo, asikresam muhumuhu, awi, nyɛmmoa, nguan, apɔnkɔ, nteaseɛnam, nnipadua ne nnipa akra.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan